Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no pɛ nimdeɛ,na nea okyi nteɛso no yɛ ogyimifo.

AKCB: 2AKCB

Nnipa pa nya Awurade nkyɛn adom,na Awurade bu amumɔyɛfo fɔ.

AKCB: 3AKCB

Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase.

AKCB: 4AKCB

Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw,nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu.

AKCB: 5AKCB

Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ,na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa.

AKCB: 6AKCB

Amumɔyɛfo nsɛm da hɔ twɛn mogya,na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu.

AKCB: 7AKCB

Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera,nanso atreneefo fi gyina pintinn.

AKCB: 8AKCB

Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa tena nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa.

AKCB: 9AKCB

Eye sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo,sen sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wunni aduan.

AKCB: 10AKCB

Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ,na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara yɛ atirimɔden.

AKCB: 11AKCB

Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree,na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene.

AKCB: 12AKCB

Amumɔyɛfo pɛ abɔnefo asade,nanso ɔtreneeni ase dɔ.

AKCB: 13AKCB

Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri,nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.

AKCB: 14AKCB

Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no masɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

AKCB: 15AKCB

Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so,na onyansafo tie afotu.

AKCB: 16AKCB

Nkwaseafo bo nkyɛ fuw,nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.

AKCB: 17AKCB

Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo,na nea odi adansekurum no twa nkontompo.

AKCB: 18AKCB

Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoananso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.

AKCB: 19AKCB

Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa,na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.

AKCB: 20AKCB

Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu,na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.

AKCB: 21AKCB

Ɔhaw biara rento ɔtreneeni,nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.

AKCB: 22AKCB

Awurade kyi ano a etwa atoro,na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.

AKCB: 23AKCB

Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawurunanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.

AKCB: 24AKCB

Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi,nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

AKCB: 25AKCB

Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow,nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

AKCB: 26AKCB

Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu,nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.

AKCB: 27AKCB

Onihawfo ntoto ne hanam,nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.

AKCB: 28AKCB

Trenee kwan mu wɔ nkwa;na owu nni saa kwan no so.