Skip to main content

Scripture

Mmebusɛm 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmebusɛm 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade kyi asisi nsania,na nʼani gye nokware nkaribo ho.

AKCB: 2AKCB

Ahantan ba a, animguase na edi so,nanso ahobrɛase de nyansa ba.

AKCB: 3AKCB

Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan;nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.

AKCB: 4AKCB

Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no,nanso trenee gye nkwa fi owu mu.

AKCB: 5AKCB

Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn,nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase.

AKCB: 6AKCB

Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn,nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo.

AKCB: 7AKCB

Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera;nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa.

AKCB: 8AKCB

Wogye ɔtreneeni fi amane mu,na ɛba omumɔyɛfo so mmom.

AKCB: 9AKCB

Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu.

AKCB: 10AKCB

Sɛ atreneefo di yiye a, kuropɔn no di ahurusi;nanso amumɔyɛfo wu a, wɔbɔ ose.

AKCB: 11AKCB

Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so,nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ.

AKCB: 12AKCB

Onipa a onni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,nanso nea ɔwɔ nhumu no to ne tɛkrɛma nnareka.

AKCB: 13AKCB

Nsekudi sɛe ahotoso,nanso nea wɔwɔ ne mu ahotoso no kora ahintasɛm.

AKCB: 14AKCB

Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ,nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba.

AKCB: 15AKCB

Nea odi akagyinamu ma ɔfoforo no behu amane,na nea ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasi ase no aso mu dwo no.

AKCB: 16AKCB

Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no,nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo.

AKCB: 17AKCB

Ɔyamyefo ye ma ne ho,na otirimɔdenfo de ɔhaw ba nʼankasa so.

AKCB: 18AKCB

Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina,nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu.

AKCB: 19AKCB

Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa,nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu.

AKCB: 20AKCB

Awurade kyi nnipa a wɔn koma akyea,na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho.

AKCB: 21AKCB

Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua,na atreneefo benya wɔn ti adidi mu.

AKCB: 22AKCB

Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae note sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu.

AKCB: 23AKCB

Atreneefo apɛde wie yiye,nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew.

AKCB: 24AKCB

Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree;obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no.

AKCB: 25AKCB

Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho;na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

AKCB: 26AKCB

Nnipa dome nea ɔde atoko sie,na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so.

AKCB: 27AKCB

Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ,na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

AKCB: 28AKCB

Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase,na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono.

AKCB: 29AKCB

Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade,na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo.

AKCB: 30AKCB

Ɔtreneeni aba yɛ nkwadua,na nea ogye akra no yɛ onyansafo.

AKCB: 31AKCB

Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa;na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”