Skip to main content

Scripture

Odiyifo Nahum Nhoma 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Nahum Nhoma 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nnome nka mogya kuropɔna atoro ne korɔn ahyɛ no mana amanehunufo mpa mu da!

AKCB: 2AKCB

Apɔnkɔkafo abaa regyigye,nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididiApɔnkɔ rehuruhuruwne nteaseɛnam redankyidankyi.

AKCB: 3AKCB

Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim;afoa twa yerɛw yerɛw,na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw.Atɔfo bebree,awufo a bi deda bi so,afunu a wontumi nkan wɔn dodowa nnipa tiatia so.

AKCB: 4AKCB

Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ,ntafowayifo no nnaadaa dodow no.Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanamanna ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.

AKCB: 5AKCB

“Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni,“Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro.Mɛma amanaman ahu wʼadagyawna ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.

AKCB: 6AKCB

Mede fi bɛsra wo ho,mebu wo animtiaana mama nnipa ahwɛ wo.

AKCB: 7AKCB

Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se,‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”

AKCB: 8AKCB

Wuye sen Tebes aɛda Asubɔnten Nil ho ansu atwa ne ho ahyia ana?Asubɔnten bɔ ne ho banna nsu yɛ ne fasu.

AKCB: 9AKCB

Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn.Put ne Libia ka nʼadomfo ho.

AKCB: 10AKCB

Nanso wɔfaa no nnommumtwaa no asu.Wɔtow ne nkokoaa hwehwee famma wɔtetee wɔ mmɔnten so.Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto,na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

AKCB: 11AKCB

Wo nso wobɛbowNa wubehintaw wo hode akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.

AKCB: 12AKCB

Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnuaa asow aba foforo:sɛ wɔwosow aaba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.

AKCB: 13AKCB

Hwɛ wʼakofowɔn nyinaa yɛ mmea!Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo;ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.

AKCB: 14AKCB

Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no.Yere wo bammɔ mu!Wɔw dɔte nona siesie ntayaa a wɔato no!

AKCB: 15AKCB

Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo;afoa betwa wo ahwe fam,wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw.Monnɔ sɛ tɛwtɛw,mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!

AKCB: 16AKCB

Woama wʼaguadifo adɔɔso,wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma,nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwana afei wotu kɔ.

AKCB: 17AKCB

Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi.Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuwa wɔsensam ban ho awɔw da.Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ,na obi nnim faako a wɔkɔ.

AKCB: 18AKCB

Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko.Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome.Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no soa wonni anoboaboafo.

AKCB: 19AKCB

Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no;wo kuru no bekum wo.Obiara a ɔte wo nka nobɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho,Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛmno bi nkaa no da?