Scripture
Odiyifo Habakuk Nhoma 1
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Habakuk Nhoma 1 Bible text
Awurade, enkosi da bɛn na memfrɛ nsrɛ mmoa,nanso wuntie me?Meteɛ mu frɛ, “Akakabensɛm!”nanso womma mmegye me.
Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyew?Adɛn nti na wotena bɔne ho?Ɔsɛe ne akakabensɛm da mʼanim,basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ho ahyia.
Enti mmara nyɛ adwumana atɛntrenee nni baabiara,atirimɔdenfo aka atreneefo ahyɛ,enti wɔkyea atemmu.
“Hwɛ aman no,na wo ho bedwiriw wo!Merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so,na sɛ wɔka kyerɛ wo a,worennye nni.
Merema Babiloniafo asɔre,ɔman a wɔyɛ atirimɔdenfo ne ntɔkwapɛfo;wobu fa asase nyinaa so,na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn de.
Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ,na wɔn ho yɛ hu sen pataku a ɔnam anadwo,wɔn apɔnkɔsotefo kɔ wɔn anim mmarima so,wofi akyirikyiri nsase so,na wɔbɔ hoo sɛ akorɔma a ɔrekɔkyere aboa.
Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ.Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ nweatam so mframa,na wɔtase nneduafo sɛ nwea.
Wodi ahene ho fɛw,wɔka aman sodifo anim,na wɔtwee nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen.Wosisi dɔte mpie nam so kyekyere atamfo.
Awurade, wunni hɔ fi tete ana?Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa.Wo, Awurade, woapaw wɔn sɛ wommu atɛn;wo, me Botantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso.
Wʼaniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ nnebɔne;wunnyigye nnebɔne so.Na adɛn nti na wugyigye nnipa akɔntɔnkye so,na dɛn nti na wayɛ komm wɔ bere aatirimɔdenfo rememene atreneefo?
Ɔtamfo tirimɔdenfo no de darewa yi wɔn,ogu nʼasau de buma wɔn,na afei ɔsɛpɛw ne ho ma nʼani gye.
Ne saa nti ɔbɔ afɔre ma nʼasauna wahyew aduhuam ama no,efisɛ asau yi so na ɔnam nya yiyedi,na odi nʼakɔnnɔ aduan.