Skip to main content

Scripture

Odiyifo Nahum Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Nahum Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔtamfo reba wo so, Ninewebɔ aban no ho ban,wɛn ɔkwan no,bɔ wo ho sona boa wʼahoɔden nyinaa ano!

AKCB: 2AKCB

Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama note sɛ Israel de no,ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpanna wɔasɛe ne bobe mfuw.

AKCB: 3AKCB

Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ;akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade.Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam notwa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no;mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.

AKCB: 4AKCB

Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so,na wodi akɔneaba.Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw;wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

AKCB: 5AKCB

Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu,nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu.Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho;na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.

AKCB: 6AKCB

Wobuebue asubɔnten apon no,na ahemfi no dwiriw gu fam.

AKCB: 7AKCB

Wɔhyɛ mmaraden sɛwɔmfa kuropɔn no nnommumna wɔmfa wɔn nkɔ.Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko sosu te sɛ mmorɔnoma.

AKCB: 8AKCB

Ninewe te sɛ ɔtare amu nsu resen kɔ.Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!”Nanso, obiara ansan nʼakyi.

AKCB: 9AKCB

Momfom dwetɛ no!Momfom sikakɔkɔɔ no!Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa!Na ahonyade no dɔɔso.

AKCB: 10AKCB

Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa!Koma botow, na nkotodwe wosowosow,nnipa ho popo na wɔn anim hoa.

AKCB: 11AKCB

Mprempren he na gyata buw no wɔ,faako a wɔma wɔn mma aduan no,faako a gyatanini ne gyatabere kɔena wɔn mma nso kɔ a wonsuro?

AKCB: 12AKCB

Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma.Wabobɔ hanam ama gyatabere no.Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon mana ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.

AKCB: 13AKCB

“Me ne wo nka,”sɛnea Asafo Awurade se ni,“Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiwna afoa bekunkum wo gyatamma.Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so.Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”