Skip to main content

Scripture

Odiyifo Nahum Nhoma 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Nahum Nhoma 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.

AKCB: 2AKCB

Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfo so were,na nʼabufuw tena wɔn so.

AKCB: 3AKCB

Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so,na ɔtwe ɔfɔdifo aso.Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu,omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.

AKCB: 4AKCB

Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow;ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow.Basan ne Karmel twintwam,na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.

AKCB: 5AKCB

Mmepɔw wosow biribiri nʼanimna nkoko nan.Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaawosow nʼanim.

AKCB: 6AKCB

Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano?Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu?Nʼabufuw hwie te sɛ ogya;abotan yam wɔ nʼanim.

AKCB: 7AKCB

Awurade ye,ɔyɛ ahohia mu guankɔbea.Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

AKCB: 8AKCB

Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso sobɛma Ninewe aba awiei.Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.

AKCB: 9AKCB

Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,ɔbɛsɛe no;ɔhaw biara remma nto so mprenu.

AKCB: 10AKCB

Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho,na bere a wɔn nsa abow wɔn nowɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.

AKCB: 11AKCB

Ninewe, wo mu nanea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awuradena otu fo bɔne no fi.

AKCB: 12AKCB

Nea Awurade se ni:“Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de,nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so,nanso merenyɛ saa bio.

AKCB: 13AKCB

Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn muna matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”

AKCB: 14AKCB

Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:“Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so.Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagua esisi wʼabosonnan mu no.Mesiesie wo daefisɛ woadan ayɛ atantanne.”

AKCB: 15AKCB

Hwɛ mmepɔw no so,nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔnɔno na ɔka asomdwoesɛm!Yuda di wʼafahyɛ nadi wɔ bɔhyɛ so.Nnipabɔne rentu wo so sa bio;Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.