Scripture
Odiyifo Mika Nhoma 7
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Mika Nhoma 7 Bible text
Mayɛ mmɔbɔ!Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo aotwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu;minnya bobe kasiaw na madi,borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara.
Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so.Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo.Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri.
Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu;ɔsodifo bisa akyɛde,otemmufo gye adanmude,wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ,wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho.
Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem;nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no.Wʼatemmuda no aso,da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
Nnye obiara nni;mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu noto wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
Ɔbabarima twiri nʼagya,Ɔbabea sɔre tia ne na,asebea nso tia nʼaseonipa atamfo ne nʼankasa ne fifo.
Mma wʼani nnye, me tamfo!Mahwe ase de, nanso mɛsɔre.Sum aduru me de,nanso Awurade bɛyɛ me hann.
Sɛ mayɛ bɔne atia no nti, Awurade abufuw bɛba me so,kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama mena wada me bembu adi.Ɔde me bɛba hann no mu;na mehu ne trenee.
Afei, mʼatamfo behuna wɔn ani bewu,nea osee me sɛ,“Ɛhe na Awurade wo Nyankopɔn no wɔ?”Mʼani behu nʼasehwe;mpo mprempren no, wobetiatia no sote sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so.
Da no, nnipa bɛba wo nkyɛnafi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,mpo wobefi Misraim akosi Eufrateafi po akosi pone bepɔw so akosi bepɔw so.
Fa wo pema di wo nkurɔfo anim,nguan a wɔyɛ wʼagyapade no,a wɔn nko ara tete kwae mu,wura frɔmfrɔm adidibea hɔ.Ma wonnidi wɔ Basan ne Gileadsɛ tete nna no mu.
Aman behu wo na wɔn ani bewu,wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no.Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn anona wɔn aso besisiw.
Wobedi dɔte sɛ awɔ,ne mmoa a wɔwea wɔ fam.Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba;wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama Awurade yɛn Nyankopɔn,na wobesuro wo.
Hena na ɔte sɛ wo,Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn.Wʼabufuw ntena hɔ daa,na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.