Skip to main content

Scripture

Odiyifo Mika Nhoma 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Mika Nhoma 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Muntie asɛm a Awurade reka:“Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim;momma nkoko nte nea mowɔ ka.

AKCB: 2AKCB

“Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo;tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa.Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo;ɔrebɔ Israel sobo.

AKCB: 3AKCB

“Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo?Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!

AKCB: 4AKCB

Miyii mo fii Misraimmigyee mo fii nkoasom asase so.Mesomaa Mose bedii mo anim,Aaron ne Miriam nso.

AKCB: 5AKCB

Me nkurɔfo, monkaeafotu a Moabhene Balak maene mmuae a Beor babarima Balaam mae.Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal,na munhu Awurade akwantrenee.”

AKCB: 6AKCB

Dɛn na memfa mmra Awurade animmmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no?Memfa nantwimma a wadi afemmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?

AKCB: 7AKCB

Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempemne ngodua mu ngo asuten mpem du ana?Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre,anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?

AKCB: 8AKCB

Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ?Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu,na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.

AKCB: 9AKCB

Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no,Wo din suro yɛ nyansahu,“Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.

AKCB: 10AKCB

Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ,ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?

AKCB: 11AKCB

Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu,ne asisi nkaribona ɔmfa ne ho nni ana?

AKCB: 12AKCB

Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;mo nkurɔfo no yɛ atorofona wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

AKCB: 13AKCB

Ɛno nti, mafi ase resɛe mo,Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.

AKCB: 14AKCB

Mubedidi, nanso moremmee;ɔkɔm bɛkɔ so ade mo.Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee,efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.

AKCB: 15AKCB

Mubedua nanso morentwa.Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi,mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.

AKCB: 16AKCB

Moadi Omri mmara so.Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi.Moasua wɔn nneyɛe no bi,ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so.Wɔbɛserew mo nkurɔfo;na amanaman bebu mo animtiaa.”