Skip to main content

Scripture

Odiyifo Mika Nhoma 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Mika Nhoma 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mommoaboa mo asraafo ano,akofo kuropɔn,efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia.Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.

AKCB: 2AKCB

“Nanso wo, Betlehem Efrata,ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de,nanso wo mu na obi befi ama mea obedi Israel so,na nʼase fi teteete.”

AKCB: 3AKCB

Enti wobɛto Israelfo paahwii,kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwona ne nuanom mmarima nkaebɛsan akɔka Israelfo ho.

AKCB: 4AKCB

Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuwwɔ Awurade ahoɔden mu,wɔ Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu.Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afeine kɛseyɛ bedu asase awiei.

AKCB: 5AKCB

Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe.Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so,na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,yɛde nguanhwɛfo baason,mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.

AKCB: 6AKCB

Wɔde afoa bedi Asiria asase so,wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so.Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so,bɔ nsra fa yɛn ahye so a,obegye yɛn afi wɔn nsam.

AKCB: 7AKCB

Yakob asefo nkae nobɛfrafra nnipa bebree mute sɛ obosu a efi Awurade,te sɛ osu a ɛpete gu sare soa ɛntwɛn ɔdesani,na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.

AKCB: 8AKCB

Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu,wɔbɛfrafra nnipa bebree mute sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu,te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mua ɔbobɔ wɔn tetew wɔn muna obiara ntumi nnye wɔn.

AKCB: 9AKCB

Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim,na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

AKCB: 10AKCB

“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔna mabubu wo nteaseɛnam.

AKCB: 11AKCB

Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase sona madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.

AKCB: 12AKCB

Mɛsɛe wʼabayisɛmna wo ntafowayi to betwa.

AKCB: 13AKCB

Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛne abo ahoni a wowɔ no,na worenkotow nsɔrewo nsa ano adwuma bio.

AKCB: 14AKCB

Metutu Asera abosomnnua no afi wo muna masɛe wo nkuropɔn.

AKCB: 15AKCB

Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”