Scripture
Kwadwom 2
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Kwadwom 2 Bible text
Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkumakata Ɔbabea Sion so ni?Watow Israel anuonyamafi ɔsoro abɛhwe fam;wankae ne nan ntiasowɔ nʼabufuw da no.
Awurade annya ahummɔbɔna wamene Yakob atenae nyinaa;nʼabufuwhyew mu, wadwiriwYuda Babea abandennen no agu fam.Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmmaho fi.
Ɔde abufuwhyew atwitwaIsrael mmɛn nyinaa.Wayi ne bammɔwɔ bere a atamfo no reba.Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaaa ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;ne nsa nifa ayɛ krado.Te sɛ ɔtamfo no, wakunkumwɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogyaagu Ɔbabea Sion ntamadan so.
Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;wamene Israel.Wamene nʼahemfi nyinaaasɛe nʼabandennen.Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔsoama Yuda Babea.
Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;wasɛe nʼaguabɔbea. Awurade ama Sion werɛ afinʼafahyɛ ne homenna;nʼabufuwhyew mu nowabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
Awurade apo nʼafɔremukana wagyaa ne kronkronbea mu.Ɔde nʼahemfi afasuahyɛ nʼatamfo nsa.Wɔteɛ mu wɔ Awurade fite sɛ afahyɛ da.
Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛeƆbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.Ɔde susuhama too hona wannyae ɔsɛe no.Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;wɔn nyinaa sɛee.
Nʼapon amem fam;wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,mmara nni hɔ bio,na nʼadiyifo nnya anisoadehu aefi Awurade hɔ bio.
Ɔbabea Sion mpanyimfotete fam ayɛ komm;wɔde mfutuma agu wɔn tirimafurafura atweaatam.Yerusalem mmabaaasisi wɔn ti ase.
Mʼani rentumi nnyae nisutew,me yafunu mu retwa me,me koma retew atɔ fam,efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ pitiwɔ kuropɔn no mmɔnten so.
Wobisa wɔn nanom se,“Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafowɔ kuropɔn no mmɔnten so,bere a wɔn nkwa resawɔ wɔn nanom abasa so.
Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?Dɛn ho na metumi de wo atoto,Ɔbabea Yerusalem?Dɛn na metumi de asusuw wo,de akyekye wo werɛ,Sion Babea Ɔbabun?Wʼapirakuru so sɛ po.Hena na obetumi asa wo yare?
Wʼadiyifo anisoadehuyɛ atoro a so nni mfaso;wɔanna mo amumɔyɛ adiansiw mo nnommumfa ano.Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo noyɛ atoro ne nnaadaa.
Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaabobɔ wɔn nsam gu wo so;wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn tigu Yerusalem Babea so ka se,“Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ noahoɔfɛ a edi mu no?Asase nyinaa anigyede no ni?”
Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anomtɛtrɛɛ tia wo;wɔserew na wɔtwɛre wɔn sena wɔka se, “Yɛamene no.Da a na yɛretwɛn no ni;Yɛatena ase ahu.”
Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;wama nʼasɛm aɔhyɛɛ dedaada no aba mu.Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,wama ɔtamfo no ani agyewama wʼatamfo no mmɛn so.
Nnipa no komasu frɛ Awurade.Ɔbabea Sion afasu,momma mo nusu nsen sɛ asubɔntenawia ne anadwo;munnye mo ahomemomma mo ani nso nnya ɔhome.
Sɔre, su dennen anadwo,ɔdasu mu mfiase;hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsugu Awurade anim.Ma wo nsa so kyerɛ nowo mma nkwa nti,wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ berawwɔ mmɔnten so.
“Hwɛ na dwene ho, Awurade:Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,mma a wɔahwɛ wɔn?Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifowɔ Awurade kronkronbea ana?
“Mmofra ne mpanyin da adabumwɔ mmɔnten so mfutuma mu so,me mmerante ne mmabaaatotɔ wɔ afoa ano.Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
“Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,saa ara na wofrɛfrɛɛamanehunu fii afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuw da no,obiara anguan na anka obiara:wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,me tamfo adwerɛw wɔn.”