Skip to main content

Scripture

Kwadwom 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Kwadwom 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛnea kuropɔn no adan amamfo ni,kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma!Adɛn nti na wayɛ okunafobea akan no na anka ɔyɛ ɔkɛse wɔ amanaman no mu?Nea na ɔyɛ ɔhemmea wɔ amantam no mu noabɛyɛ afenaa nnɛ.

AKCB: 2AKCB

Osu yayaayaw anadwo,nusu sensan nʼafono so.Nʼadɔfo nyinaa mu no,obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ.Ne nnamfonom nyinaa ayi no amaWɔayɛ nʼatamfo.

AKCB: 3AKCB

Amanehunu ne adwumaden akyi no,Yuda kɔ nnommum mu.Ɔte amanaman no muna onni ahomegyebea.Wɔn a wɔtaa no nyinaa ato nowɔ nʼahokyere mu.

AKCB: 4AKCB

Akwan a ɛkɔ Sion no resu,efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.Nʼapon nyinaa adeda mpan,na nʼasɔfo si apini,ne mmabaa di yaw,na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu.

AKCB: 5AKCB

Nʼatamfo abɛyɛ ne wuranom;wɔn a wɔne no ayɛ adɔm ho adwo wɔn.Awurade ama awerɛhow aba ne sonʼamumɔyɛ bebrebe nti.Ne mma kɔ nnommum mu.Wɔayɛ nneduafo ama ɔtamfo.

AKCB: 6AKCB

Anuonyam nyinaa atuafi Ɔbabea Sion so kɔ.Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforotea wonnya adidibea;na wɔde mmerɛwyɛ aguanwɔ wɔn ataafo anim.

AKCB: 7AKCB

Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no,Yerusalem kae ademude nyinaaa na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu.Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no,na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ nona wɔserew ne sɛe.

AKCB: 8AKCB

Yerusalem ayɛ bɔne kɛseenti ne ho agu fi.Wɔn a wodi no ni no sopa no,efisɛ wɔahu nʼadagyaw;ɔno ankasa gu ahomena ɔdan nʼani.

AKCB: 9AKCB

Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu;wannwene ne daakye ho.Nʼasehwe yɛ nwonwa;obiara ankyekye ne werɛ.“Awurade, hwɛ mʼamanehunu,efisɛ ɔtamfo adi nkonim.”

AKCB: 10AKCB

Ɔtamfo no de ne nsa toonʼademude nyinaa so;ohuu sɛ amanamanrehyɛn ne kronkronbea hɔ,nnipa a woabra sɛwɔnnhyɛn wʼasafo mu no.

AKCB: 11AKCB

Ne nkurɔfo nyinaa si apinibere a wɔrehwehwɛ aduan;wɔde wɔn ademude sesa aduande nya ahoɔden.“Awurade, hwɛ na dwene me ho,efisɛ wobu me animtiaa.”

AKCB: 12AKCB

“Ɛmfa mo ho ana, mo a mutwa mu wɔ hɔ nyinaa?Monhwɛ na munhu.Ɔyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me dea wɔma ɛbaa me so yi,nea Awurade de baa me sowɔ nʼabufuwhyew da no ana?

AKCB: 13AKCB

“Ɔsomaa ogya fii ɔsoro,ma ɛbaa me nnompe mu.Osum afiri maa mʼananna ɔsan me kɔɔ mʼakyi.Ɔyɛɛ me pasaa,metɔɔ beraw da mu nyinaa.

AKCB: 14AKCB

“Woakyekyere me bɔne ahyɛ konnua mu;ɔde ne nsa nwen bɔɔ mu.Wɔde asɛn me kɔn muna Awurade atwe mʼahoɔden.Ɔde me ahyɛ wɔn amerentumi nnyina wɔn anim no nsa.

AKCB: 15AKCB

“Awurade apoakofo a wɔwɔ me ntam nyinaa;wafrɛ asraafo atia mesɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante. Awurade atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda sowɔ ne nsakyiamoa mu.

AKCB: 16AKCB

“Eyinom nti na misuna nusu aguare me.Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ,nea ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.Me mma agyigyaefisɛ ɔtamfo no adi nkonim.”

AKCB: 17AKCB

Sion trɛw ne nsa munanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ. Awurade ahyɛ ama Yakob sene mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo;Yerusalem abɛyɛafide wɔ wɔn mu.

AKCB: 18AKCB

“Awurade yɛ ɔtreneeni,nanso manni nʼahyɛde so.Muntie, mo amanaman nyinaamonhwɛ me yaw.Me mmerante ne mmabaakɔ nnommum mu.

AKCB: 19AKCB

“Mefrɛɛ mʼadɔfonanso woyii me mae.Mʼasɔfo ne me mpanyimfoase tɔree wɔ kuropɔn no mu,bere a wɔrehwehwɛ aduan adina wɔanwuwu.

AKCB: 20AKCB

“Awurade, hwɛ me mmɔbɔ!Meredi yaw wɔ me mu,na me koma mu nso minni ahotɔ,efisɛ mayɛ otuatewfo kɛse.Afoa hyɛ me awerɛhow wɔ abɔnten so;ofie nso yɛ owu nko ara.

AKCB: 21AKCB

“Nnipa ate mʼapinisi,nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunuwɔn ani gye nea woayɛ no ho.Ma nna a woahyɛ no mmrasɛnea wɔbɛyɛ sɛ me.

AKCB: 22AKCB

“Fa wɔn atirimɔdensɛm nyinaa si wʼanim;na wo ne wɔn nnisɛnea wo ne me adi;esiane mʼamumɔyɛ no nti.Mʼapinisi dɔɔsona me koma abotow.”