Skip to main content

Scripture

Kwadwom 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Kwadwom 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mene ɔbarima a mahu amanewɔ nʼabufuw abaa ano.

AKCB: 2AKCB

Wapam me afi ne ho ama manantewsum mu na ɛnyɛ hann mu;

AKCB: 3AKCB

Ampa ara wama nsa so atia mempɛn bebree, da mu nyinaa.

AKCB: 4AKCB

Wama me were ne me nam anyinNa wabubu me nnompe.

AKCB: 5AKCB

Waka me ahyɛ mu, na watua me anoɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.

AKCB: 6AKCB

Wama matena sum musɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.

AKCB: 7AKCB

Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.

AKCB: 8AKCB

Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa aosiw me mpaebɔ ano.

AKCB: 9AKCB

Ɔde abotan asiw me kwan;wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

AKCB: 10AKCB

Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,te sɛ gyata a watɛw,

AKCB: 11AKCB

ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree mena ogyaw me a minni mmoa biara.

AKCB: 12AKCB

Okuntun ne ta muna ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

AKCB: 13AKCB

Ɔde bɛmma a efi ne kotoku muhwirew me koma mu.

AKCB: 14AKCB

Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;wɔto akutia nnwomde di me ho fɛw da mu nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.Wama me bɔnwoma anom.

AKCB: 16AKCB

Ɔde mmosea abubu me se;na watiatia me so wɔ mfutuma mu.

AKCB: 17AKCB

Wɔama asomdwoe abɔ me;na me werɛ afi yiyedi.

AKCB: 18AKCB

Enti mise, “Mʼanuonyam asa,nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

AKCB: 19AKCB

Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,nweenwen ne bɔnwoma mu.

AKCB: 20AKCB

Mekae yiye,na me kra abotow wɔ me mu.

AKCB: 21AKCB

Nanso midwen eyi ho;saa nti mewɔ anidaso.

AKCB: 22AKCB

Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.Nʼayamhyehye nni huammɔ.

AKCB: 23AKCB

Ɛyɛ foforo anɔpa biara;wo nokwaredi yɛ kɛse.

AKCB: 24AKCB

Meka kyerɛ me ho se,“Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

AKCB: 25AKCB

Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,onipa a ɔhwehwɛ no no;

AKCB: 26AKCB

Eye sɛ wɔyɛ kommde twɛn Awurade nkwagye.

AKCB: 27AKCB

Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua nowɔ ne mmerantebere mu.

AKCB: 28AKCB

Ma ɔntena ase komm,efisɛ Awurade de ato ne so.

AKCB: 29AKCB

Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,ebia anidaso wɔ hɔ.

AKCB: 30AKCB

Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no nona ɔnhyɛ no aniwu.

AKCB: 31AKCB

Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.

AKCB: 32AKCB

Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.Ne dɔ kɛse no to rentwa da.

AKCB: 33AKCB

Ofi amemenemfe mu de amanehunuanaa awerɛhow brɛ nnipa mma.

AKCB: 34AKCB

Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛwnneduafo a wɔwɔ asase no so a,

AKCB: 35AKCB

sɛ wotiatia obi ahofadi sowɔ Ɔsorosoroni no anim a,

AKCB: 36AKCB

anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,Awurade renhu saa nneɛma yi ana?

AKCB: 37AKCB

Hena na obetumi aka na wama aba muwɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?

AKCB: 38AKCB

Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anomna mmusu ne nnepa fi ana?

AKCB: 39AKCB

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwiibere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

AKCB: 40AKCB

Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

AKCB: 41AKCB

Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:

AKCB: 42AKCB

“Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atuana wamfa ankyɛ.

AKCB: 43AKCB

“Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.

AKCB: 44AKCB

Wode wo ho asie omununkum munti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.

AKCB: 45AKCB

Woayɛ yɛn atantanne ne nwurawɔ amanaman no mu.

AKCB: 46AKCB

“Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛde tia yɛn.

AKCB: 47AKCB

Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,mmubui ne ɔsɛe.”

AKCB: 48AKCB

Me nusu sen sɛ asutenefisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.

AKCB: 49AKCB

Me nusu bɛsen ara,na ɛrennyae,

AKCB: 50AKCB

kosi sɛ Awurade bɛhwɛafi ɔsoro, na wahu.

AKCB: 51AKCB

Nea mihu no ma me kra werɛ how,me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.

AKCB: 52AKCB

Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hweepampam me sɛ anomaa.

AKCB: 53AKCB

Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa sona wosiw me abo wɔ amoa mu;

AKCB: 54AKCB

nsu bu faa me ti so,na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.

AKCB: 55AKCB

Mebɔɔ wo din, Awuradefii amoa no ase tɔnn.

AKCB: 56AKCB

Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼasowɔ me gye sufrɛ ho.”

AKCB: 57AKCB

Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,na wokae se, “Nsuro.”

AKCB: 58AKCB

Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;na wugyee me nkwa.

AKCB: 59AKCB

Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.Di mʼasɛm ma me!

AKCB: 60AKCB

Woahu wɔn aweretɔ no mu den,wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.

AKCB: 61AKCB

Awurade, woate wɔn ntwirii,wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,

AKCB: 62AKCB

nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoode tia me da mu nyinaa.

AKCB: 63AKCB

Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

AKCB: 64AKCB

Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,nea wɔn nsa ayɛ nti.

AKCB: 65AKCB

Pirim wɔn koma,na ma wo nnome mmra wɔn so.

AKCB: 66AKCB

Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔnfi Awurade ɔsorosoro ase.