Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yoɛl Nhoma 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yoɛl Nhoma 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.

AKCB: 2AKCB

Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo;muntie, mo a mote asase no so nyinaa.Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere soanaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?

AKCB: 3AKCB

Monka nkyerɛ mo mma,na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mmana wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.

AKCB: 4AKCB

Nea mmoadabikuw no gyawee no,mmoadabi akɛse no awe;nea mmoadabi akɛse no gyawee no,mmoadabi nkumaa no awe;nea mmoadabi nkumaa no gyawee no,mmoadabi afoforo awe.

AKCB: 5AKCB

Mo asabowfo, munnyan, na munsu!Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo;muntwa adwo, nsa foforo no nti,efisɛ wɔahuam afi mo ano.

AKCB: 6AKCB

Ɔman bi atu mʼasase so sa;dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn;wɔn se te sɛ gyata sena wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.

AKCB: 7AKCB

Wasɛe me bobene me borɔdɔma nnua.Wawaawae nnua no ho bona,atow aguagyaw ne mman ho fitaa.

AKCB: 8AKCB

Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatamna ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.

AKCB: 9AKCB

Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde,wɔayi afi Awurade fi.Asɔfo no retwa adwo,wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.

AKCB: 10AKCB

Mfuw asɛe,asase no so awo woseeaduan no asɛensa foforo no ayowngo nyinaa asa.

AKCB: 11AKCB

Mo ani nwu, mo akuafo,muntwa adwo, mo a mudua bobe;Munsi apini mma awi ne atoko,efisɛ otwabere no asɛe.

AKCB: 12AKCB

Bobe no akisana borɔdɔma nnua no awuwu.Atoaa nnua, mmedua, aprɛ nennua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew.Nokware, anigye a nnipa wɔ noatu ayera.

AKCB: 13AKCB

Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo;mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo.Mumfura atweaatam mmesi pɛ,mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim;efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde noto atwa wɔ Onyankopɔn fi.

AKCB: 14AKCB

Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru;momfrɛ nhyiamu kronkron.Momfrɛ mpanyimfone wɔn a wɔte asase no so nyinaammra Awurade mo Nyankopɔn fina wommesu mfrɛ Awurade.

AKCB: 15AKCB

A, da no de! Awurade da no abɛn;Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.

AKCB: 16AKCB

So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua,anigye ne ahosɛpɛw to atwawɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?

AKCB: 17AKCB

Aba no wu wɔ asase wosee mu,adekoradan abubu,aburowpata nso so nni mfaso,efisɛ nnuan no ahyew.

AKCB: 18AKCB

Sɛnea anantwi su!na anantwikuw kyinkyin kwa.Nguankuw mpo rebrɛefisɛ wonni didibea.

AKCB: 19AKCB

Awurade, wo na misu frɛ wo,efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.

AKCB: 20AKCB

Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.Nsuwansuwa ayoyow,na ogya ahyew sare so adidibea.