Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yoɛl Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yoɛl Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion;hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so.Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,efisɛ Awurade da no reba,na abɛn koraa.

AKCB: 2AKCB

Sum ne kusukuukuu da.Omununkum ne sum kabii da.Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no,saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te.Wonhuu wɔn sɛso bi da,na wɔrenhu ne sɛso nso da.

AKCB: 3AKCB

Ogya rehyew wɔ wɔn anim,ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi,asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam,hwee nguan wɔn.

AKCB: 4AKCB

Wɔte sɛ apɔnkɔ.Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.

AKCB: 5AKCB

Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnamna wotu fa mmepɔw atifi,wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguaneewɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

AKCB: 6AKCB

Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;na wɔn anim hoa.

AKCB: 7AKCB

Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo;wɔforo afasu te sɛ asraafona wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,na wɔmman benkum anaa nifa.

AKCB: 8AKCB

Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu;obiara nantew kɔ nʼanim tee.Wobu fa abandennen so,na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

AKCB: 9AKCB

Wɔtow hyɛ kuropɔn no sowotu mmirika fa afasu no sowɔforo kɔ afi mu,wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.

AKCB: 10AKCB

Asase wosow wɔ wɔn anim,na ɔsoro hinhim.Owia ne ɔsram duru sum,na nsoromma nhyerɛn bio.

AKCB: 11AKCB

Awurade bobɔ mude di nʼasraafo no anim.Nʼakofo no dɔɔso bebree,ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so. Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu;hena na obetumi agyina ano?

AKCB: 12AKCB

“Na afei,” sɛnea Awurade se ni,“San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn,wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”

AKCB: 13AKCB

Sunsuan wo komana ɛnyɛ wo ntade mu.San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn,efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye.Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so,na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.

AKCB: 14AKCB

Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔna wagyaw nhyira,a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔdea mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.

AKCB: 15AKCB

Hyɛn torobɛnto wɔ Sion!Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru,momfrɛ nhyiamu kronkron.

AKCB: 16AKCB

Mommoaboa nnipa no anomontew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;mommoaboa mpanyimfo,mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano.Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.

AKCB: 17AKCB

Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no,nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam;na wɔnka se, “Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn.Mma wʼagyapade nyɛ ahohoradeanaa fɛwdi wɔ aman no mu.Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se,‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ”

AKCB: 18AKCB

Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase hona ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.

AKCB: 19AKCB

Awurade bebua se,“Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo,a ɛbɛso mo ama moamee pintinn.Merenyɛ mo ahohorademma aman no bio.

AKCB: 20AKCB

“Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so.Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu,na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu.Na afunu no bɛbɔnna ne nka betu.”Nokware wayɛ nneɛma akɛse!

AKCB: 21AKCB

Munnsuro, me nkurɔfo!Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho.Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.

AKCB: 22AKCB

Munnsuro, mo wuram mmoa!Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm.Nnua no resow wɔn aba;borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.

AKCB: 23AKCB

Momma mo ani nnye, mo Sion mma,Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu,efisɛ watɔ asusowsu ama mo,ne nokwaredi nti.Watɔ osu bebree ama mowɔ ne bere mu te sɛ kan no.

AKCB: 24AKCB

Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma,nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.

AKCB: 25AKCB

“Mɛhyɛ mo anan mu,nea mohwereemfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma,mmoadabi akɛse ne nkumaa,ne wɔn a aka no nyinaa,me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

AKCB: 26AKCB

Mubedidi amee,na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ.Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo;me nkurɔfo ani renwu bio.

AKCB: 27AKCB

Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel,mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn,na obiara nni hɔ sɛ me;Me nkurɔfo ani renwu bio da.”

AKCB: 28AKCB

“Na akyiri no,mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so,mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,mo nkwakoraa bɛsoso adae,mo mmerante benya anisoadehu.

AKCB: 29AKCB

Saa mmere no mu no,mehwie me Honhom agumʼasomfo so, mmarima ne mmea.

AKCB: 30AKCB

Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so,mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.

AKCB: 31AKCB

Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.

AKCB: 32AKCB

Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,wobegye no nkwa.Efisɛ nkwagye bɛbaama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mua Awurade afrɛ wɔnwɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,”sɛnea Awurade aka no.