Scripture
Odiyifo Hosea Nhoma 14
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Hosea Nhoma 14 Bible text
Fa wo nsɛm a wowɔsan kɔ Awurade nkyɛn.Ka kyerɛ no se,“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,na fa ahummɔbɔ gye yɛn,na yɛatumi ayi wo ayɛ.
Asiria rentumi nnye yɛn;yɛrentena akofo apɔnkɔ so.Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”
Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel.Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko.Te sɛ Lebanon sida no,ɔde ne ntin betim fam;
Nnipa bɛtena ne nwini ase bio.Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow.Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe,na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.
Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?Megye no so na mʼani aku ne ho.Mete sɛ dua a nʼahaban mpo;sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”
Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu.Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase. Awurade akwan teɛ.Atreneefo nantew so,nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.