Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 9

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 9 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Hiob kasaa bio se:

AKCB: 2AKCB

“Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware.Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?

AKCB: 3AKCB

Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a,ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.

AKCB: 4AKCB

Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?

AKCB: 5AKCB

Otutu mmepɔw a wonnim ho hweeobubu wɔn fa so wɔ nʼabufuw mu.

AKCB: 6AKCB

Ɔwosow asase fi ne sibea,na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri.

AKCB: 7AKCB

Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano.

AKCB: 8AKCB

Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu,na ɔnantew po asorɔkye so.

AKCB: 9AKCB

Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo;anafo fam nsorommakuw no.

AKCB: 10AKCB

Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase,nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan.

AKCB: 11AKCB

Sɛ ɔnam me ho a, minhu no;sɛ ɔsen a, minhu no.

AKCB: 12AKCB

Sɛ ohwim kɔ a, hena na osiw no kwan?Hena na obetumi abisa no se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’

AKCB: 13AKCB

Onyankopɔn nkora nʼabufuw so;Rahab aboafo mpo ho popo wɔ nʼanim.

AKCB: 14AKCB

“Na me ne hena a mene no beyiyi ano?Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye?

AKCB: 15AKCB

Sɛ minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano;ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn.

AKCB: 16AKCB

Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a,minnye nni sɛ obetie mʼasɛm.

AKCB: 17AKCB

Ɔde asorɔkye bɛhwe meama mʼapirakuru adɔɔso kwa.

AKCB: 18AKCB

Ɔremma minnya mʼahome, bio,ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma tɔ.

AKCB: 19AKCB

Sɛ ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo!Na sɛ ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi?

AKCB: 20AKCB

Sɛ midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ;sɛ me ho nni asɛm a, ebebu me fɔ.

AKCB: 21AKCB

“Ɛwɔ mu sɛ midi bem de,nanso mimmu me ho;abrabɔ afono me.

AKCB: 22AKCB

Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno nti na meka se,‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.’

AKCB: 23AKCB

Bere a amanehunu de owu aba no,ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa.

AKCB: 24AKCB

Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no,ofura ɛso atemmufo ani.Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?

AKCB: 25AKCB

“Me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo;ɛsen kɔ a anigye kakra mpo nni mu.

AKCB: 26AKCB

Etwa mu kɔ sɛ akorow a wɔde paparɔso ayɛte sɛ akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam.

AKCB: 27AKCB

Sɛ meka se, ‘Me werɛ mfi mʼanwiinwii,mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,’

AKCB: 28AKCB

me yaw ahorow no bɔ me hu ara.Na minim sɛ, woremmu me bem.

AKCB: 29AKCB

Woabu me fɔ dedaw nti,adɛn na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kwa?

AKCB: 30AKCB

Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina guarena mede samina hohoro me nsa ho a,

AKCB: 31AKCB

wobɛtow me akyene dontori amoa mu,ama mʼatade mpo akyi me.

AKCB: 32AKCB

“Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano,na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro.

AKCB: 33AKCB

Sɛ anka obi wɔ hɔ a obesiesie yɛn ntamna waka yɛn baanu abɔ mu,

AKCB: 34AKCB

obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so,na nʼahunahuna ammɔ me hu bio.

AKCB: 35AKCB

Anka mɛkasa a merensuro no,nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi.