Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Suhini Bildad buae se:

AKCB: 2AKCB

“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn?Wo nsɛm yɛ mframa huhuw.

AKCB: 3AKCB

Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana?Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?

AKCB: 4AKCB

Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no,ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua.

AKCB: 5AKCB

Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn sona woabɔ Otumfo no mpae,

AKCB: 6AKCB

sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a,wo nti, ɔbɛma ne ho so mpremprenna wama wo asi wo dedaw mu.

AKCB: 7AKCB

Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakrana daakye woanya ama abu so.

AKCB: 8AKCB

“Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no,na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,

AKCB: 9AKCB

na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee,yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma.

AKCB: 10AKCB

Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana?Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana?

AKCB: 11AKCB

So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana?

AKCB: 12AKCB

Bere a ɛrenyin a wontwae no,ɛhyew ntɛm so sen sare.

AKCB: 13AKCB

Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te;saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.

AKCB: 14AKCB

Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;nea ɔde ne ho to so no yɛ ananse ntontan.

AKCB: 15AKCB

Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew;oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie.

AKCB: 16AKCB

Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu,ɛtrɛtrɛw ne mman mu wɔ turo no so;

AKCB: 17AKCB

Ne ntin nyin fa abotan ho,na ɛhwehwɛ ɔkwan kɔ abo mu.

AKCB: 18AKCB

Nanso sɛ wotu fi ne sibea a,saa beae no nnim no bio na ɛka se, ‘Minhuu wo da.’

AKCB: 19AKCB

Ampa ara ne nkwa twa mu,na afifide foforo nyin asase no so.

AKCB: 20AKCB

“Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛmna ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den.

AKCB: 21AKCB

Ɔbɛma woaserew bio,na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu.

AKCB: 22AKCB

Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo,na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.”