Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 10

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 10 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Abrabɔ afono me;enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsiena mɛkasa afi me kra yawdi mu.

AKCB: 2AKCB

Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ,na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.

AKCB: 3AKCB

Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so,de po wo nsa ano adwuma,na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?

AKCB: 4AKCB

Wowɔ ɔhonam mu ani ana?Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana?

AKCB: 5AKCB

Wo nkwanna te sɛ ɔdesanianaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo,

AKCB: 6AKCB

a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsona wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?

AKCB: 7AKCB

Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ,na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.

AKCB: 8AKCB

“Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me.Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?

AKCB: 9AKCB

Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte.Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?

AKCB: 10AKCB

So woanhwie me sɛ nufusuna woammɔ me toa sɛ srade,

AKCB: 11AKCB

amfa were ne honam ankata me hoankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?

AKCB: 12AKCB

Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me,na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.

AKCB: 13AKCB

“Nanso eyi na wode siee wo koma mu,na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu.

AKCB: 14AKCB

Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ mena wobɛma me so asotwe.

AKCB: 15AKCB

Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me!Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so,efisɛ aniwu ahyɛ me mana mʼamanehunu amene me.

AKCB: 16AKCB

Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.

AKCB: 17AKCB

Wode nnansefo foforo betia mena woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so;wʼasraafo tu ba me so bere biara.

AKCB: 18AKCB

“Adɛn nti na woma wɔwoo me?Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.

AKCB: 19AKCB

Sɛ anka mamma nkwa yi mu,anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!

AKCB: 20AKCB

So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana?Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi

AKCB: 21AKCB

ansa na makɔ koransankusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,

AKCB: 22AKCB

asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,sum kabii ne sakasaka,baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.”