Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 7

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 7 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Asase so som nyɛ den mma onipa ana?Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de?

AKCB: 2AKCB

Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma,anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,

AKCB: 3AKCB

saa ara na wɔatwa asram hunu ato me hɔ,ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.

AKCB: 4AKCB

Sɛ meda a, midwen bisa se, ‘Bere bɛn na ade bɛkye?’Nanso anadwo twa mu nkakrankakra, na mepere kosi ahemadakye.

AKCB: 5AKCB

Asunson ne aporɔporɔw afura me nipadua,me were atetew na ɛrefi nsu.

AKCB: 6AKCB

“Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa,na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu.

AKCB: 7AKCB

Ao, Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ɔhome;na mʼani renhu anigye bio da.

AKCB: 8AKCB

Ani a ehu me mprempren no renhu me bio;mobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio.

AKCB: 9AKCB

Sɛnea omununkum yera na etu kɔ,saa ara na nea ɔkɔ ɔda mu no nsan mma bio.

AKCB: 10AKCB

Ɔrensan mma ne fi da biara da bio;nʼatenae renkae no bio.

AKCB: 11AKCB

“Ɛno nti meremmua mʼano;mifi me honhom ahoyeraw mu akasa,mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii.

AKCB: 12AKCB

So meyɛ ɛpo anaa aboa kɛse a ɔwɔ bun mu,na mode me ahyɛ ɔwɛmfo nsa yi?

AKCB: 13AKCB

Sɛ midwen sɛ minya awerɛkyekye wɔ me mpa so,na mʼakongua adwudwo mʼanwiinwii ano a,

AKCB: 14AKCB

ɛno mpo na wode adaeso yi me huna wode anisoadehu hunahuna me,

AKCB: 15AKCB

ɛno nti mepɛ ɔsɛn ne owu,sen me nipadua yi.

AKCB: 16AKCB

Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ.Munnyaa me; na me nna nka hwee.

AKCB: 17AKCB

“Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ,na wʼani ku ne ho,

AKCB: 18AKCB

na wohwehwɛ ne mu anɔpa biarana wosɔ no hwɛ bere biara?

AKCB: 19AKCB

Worennyi wʼani mfi me so da,anaasɛ worennyaa me bere tiaa bi mpo ana?

AKCB: 20AKCB

Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo,Ao adesamma so wɛmfo?Adɛn nti na watu wʼani asi me so?Mayɛ adesoa ama wo ana?

AKCB: 21AKCB

Adɛn nti na wonkata me mmarato sona womfa me bɔne nkyɛ me?Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu.Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.”