Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Hiob buae se,

AKCB: 2AKCB

“Sɛ wobetumi akari mʼawerɛhowdina me haw nso wɔde agu nsania so a,

AKCB: 3AKCB

anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa,enti ɛnyɛ nwonwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.

AKCB: 4AKCB

Otumfo agyan no wɔ me mu,me honhom nom ano bɔre no;wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.

AKCB: 5AKCB

Wuram afurum su wɔ bere a wanya sare ana,na nantwi nso su wɔ bere a wanya nʼaduan ana?

AKCB: 6AKCB

So wodi aduan a nkyene nni mu?Na ɔdɛ bi wɔ nkesua mu fufu mu ana?

AKCB: 7AKCB

Mempɛ sɛ mede me nsa ka;aduan a ɛte saa no bɔ me yare.

AKCB: 8AKCB

“Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisade,sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me,

AKCB: 9AKCB

sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔdwerɛw mesɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,

AKCB: 10AKCB

ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi,a ɛyɛ anigye a mewɔ wɔ ɔyaw a entwa da yi mu,ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi.

AKCB: 11AKCB

“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ minya anidaso?Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?

AKCB: 12AKCB

Mewɔ ahoɔden sɛ ɔbo ana?Me honam yɛ kɔbere mfrafrae ana?

AKCB: 13AKCB

So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me hosaa bere yi a nkonimdi apare me yi ana?

AKCB: 14AKCB

“Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn nogyaw Otumfo no ho suro.

AKCB: 15AKCB

Nanso ahotoso nni me nuanom mu sɛ nsuwansuwa a eyiri na ɛyow,sɛ nsuwansuwa a eyiri

AKCB: 16AKCB

bere a sukyerɛmma renanna mparuwbo nso redan nsu,

AKCB: 17AKCB

nanso owiabere mu no ɛsen biona ɔhyew nti nsu no tu yera.

AKCB: 18AKCB

Akwantufo man fi wɔn akwan so;wɔforo kɔ nsase a awuwu so ma wowuwu.

AKCB: 19AKCB

Tema akwantufo hwehwɛ nsu,Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu.

AKCB: 20AKCB

Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu;woduu hɔ, na wɔn anidaso yɛ ɔkwa.

AKCB: 21AKCB

Afei, wo nso woakyerɛ sɛ wo so nni mfaso;wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro.

AKCB: 22AKCB

So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi,sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika,

AKCB: 23AKCB

sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam,ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’

AKCB: 24AKCB

“Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;monkyerɛ me mfomso a mayɛ.

AKCB: 25AKCB

Nokwareka yɛ yaw,na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn?

AKCB: 26AKCB

So mokyerɛ sɛ mubesiesie sɛ nea meka no,na moafa mʼahometew nsɛm sɛ mframa ana?

AKCB: 27AKCB

Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto,na mode mo adamfo adi nsesagua.

AKCB: 28AKCB

“Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me.Metumi adi atoro wɔ mo anim ana?

AKCB: 29AKCB

Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew;monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho.

AKCB: 30AKCB

Amumɔyɛsɛm wɔ mʼano ana?Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana?