Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Wobɛfrɛ a frɛ, na hena na obegye wo so?Akronkronfo no mu hena nkyɛn na wobɛkɔ?

AKCB: 2AKCB

Ahisɛm kum ɔkwasea,na anibere kum atetekwaa.

AKCB: 3AKCB

Mʼankasa mahu ɔkwasea a ɔrefefɛw,nanso mpofirim, wɔdomee ne fi.

AKCB: 4AKCB

Ne mma ne bammɔ ntam kwan ware,wɔdwerɛw wɔn wɔ asennii a wonni ɔkamafo.

AKCB: 5AKCB

Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae,na ɔfa fi nsɔe mu mpo,na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi.

AKCB: 6AKCB

Ahokyere mpue mmfi dɔte muna ɔhaw nso mfifi mmfi fam.

AKCB: 7AKCB

Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mumpɛn dodow a gyaframa turuw kɔ soro no.

AKCB: 8AKCB

“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn;na mede mʼasɛm ato nʼanim.

AKCB: 9AKCB

Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu,ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow.

AKCB: 10AKCB

Ɔtɔ osu gu asase so;na ɔde kɔ wuram.

AKCB: 11AKCB

Ɔde ahobrɛasefo si nea ɛkorɔn,na ɔma wɔn a wodi awerɛhow nya asomdwoe.

AKCB: 12AKCB

Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe,ma wɔn nsa si fam.

AKCB: 13AKCB

Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu,na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu.

AKCB: 14AKCB

Sum duru wɔn awia ketee;na wɔkeka wɔ owigyinae mu te sɛ anadwo.

AKCB: 15AKCB

Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom;ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu.

AKCB: 16AKCB

Enti ahiafo wɔ anidaso,na ntɛnkyew ka nʼano to mu.

AKCB: 17AKCB

“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn teɛ no,enti mmu Otumfo nteɛteɛ no animtiaa.

AKCB: 18AKCB

Efisɛ ɔno na opira na ɔno ara akyekyere;opira nanso ne nsa sa yare.

AKCB: 19AKCB

Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu;ason so no, bɔne biara renka wo.

AKCB: 20AKCB

Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu mu,na ɔko mu nso, obegye wo afi afoa ano.

AKCB: 21AKCB

Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii hona sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro.

AKCB: 22AKCB

Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm;na ɛnsɛ sɛ wusuro asase so mmoa.

AKCB: 23AKCB

Wo ne afuw so abo bɛyɛ apam,na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoe mu.

AKCB: 24AKCB

Wubehu sɛ wo ntamadan wɔ bammɔ;na sɛ wosese wʼahode a wubehu sɛ hwee nyeraa ɛ.

AKCB: 25AKCB

Wubehu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;na wʼase bɛfɛe sɛ asase so sare.

AKCB: 26AKCB

Wode ahoɔden bɛkɔ ɔda mu,te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwabere mu.

AKCB: 27AKCB

“Yɛahwehwɛ eyi mu, na ɛyɛ nokwareɛno nti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”