Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 41

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 41 Bible text

AKCB: 1AKCB

“So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔnanaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?

AKCB: 2AKCB

So wubetumi de hama afa ne hwenem,anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu?

AKCB: 3AKCB

Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hu no mmɔbɔ ana?Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana?

AKCB: 4AKCB

Ɔbɛpene ne wo ayɛ apamama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana?

AKCB: 5AKCB

Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te sɛ anomaaanaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea?

AKCB: 6AKCB

So aguadifo bɛpɛ sɛ wode no bedi nsesagua?Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana?

AKCB: 7AKCB

Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were muanaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho?

AKCB: 8AKCB

Wode wo nsa ka no a,wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio!

AKCB: 9AKCB

Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akyere no;ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo.

AKCB: 10AKCB

Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no.Afei hena na obetumi ne me adi asi?

AKCB: 11AKCB

Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua?Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de.

AKCB: 12AKCB

“Me werɛ remfi sɛ mɛka nʼakwaa,nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm.

AKCB: 13AKCB

Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama,na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

AKCB: 14AKCB

Hena na obetumi abue nʼabogye,a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?

AKCB: 15AKCB

Nʼakyi wɔ bona a ɛsesa so,ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa;

AKCB: 16AKCB

sɛnea ɛtetare so fa no nti,mframa biara mfa ntam.

AKCB: 17AKCB

Ɛtoatoa mu denneennen aemu ntumi ntetew.

AKCB: 18AKCB

Sɛ ɔnwansi a, ɛpepa gya;nʼaniwa aba te sɛ adekyeenim hann.

AKCB: 19AKCB

Agyatɛn turuw fi nʼanomna nsramma turuturuw fi mu.

AKCB: 20AKCB

Wusiw sen fi ne hwene mute sɛ ɔsɛn a esi gya so.

AKCB: 21AKCB

Ne home ma gyabiriw ano sɔ,na ogyaframa tu fi nʼanom.

AKCB: 22AKCB

Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;wɔn a wohu no no aba mu bu.

AKCB: 23AKCB

Ne were a abubu agu so no yɛ peperee;ayɛ pemee a ɛnka ne ho.

AKCB: 24AKCB

Ne koko so yɛ den sɛ ɔbotanɛyɛ den sɛ awiyammo.

AKCB: 25AKCB

Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfo bɔ huboa;sɛ ɔwosow ne ho a woguan.

AKCB: 26AKCB

Afoa wɔ no a, ɛnka no,peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.

AKCB: 27AKCB

Ɔfa dade sɛ wura bina kɔbere mfrafrae te sɛ dua a awu bi ma no.

AKCB: 28AKCB

Agyan mma no nguan;ahwimmo mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.

AKCB: 29AKCB

Kontibaa te sɛ sare wɔ nʼani so;na ɔserew pɛmɛ nnyigyei.

AKCB: 30AKCB

Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa dontori mu a, eyiyi akam.

AKCB: 31AKCB

Ɔma bun mu huru sɛ nsu a ɛwɔ ɛsɛn muna onunu po mu sɛ srade a ɛwɔ kuku mu.

AKCB: 32AKCB

Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw;na obi besusuw sɛ po bun adan ayɛ dwen.

AKCB: 33AKCB

Asase so biribiara ne no nsɛ.Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee.

AKCB: 34AKCB

Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene.”