Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 40

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 40 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei Awurade buaa Hiob se,

AKCB: 2AKCB

“Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana?Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”

AKCB: 3AKCB

Na Hiob buaa Awurade se,

AKCB: 4AKCB

“Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae?Mede me nsa mua mʼano.

AKCB: 5AKCB

Makasa baako, nanso minni mmuaemprenu so, na merenkasa bio.”

AKCB: 6AKCB

Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,

AKCB: 7AKCB

“Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;mebisa wo nsɛm,na ɛsɛ sɛ wubua me.

AKCB: 8AKCB

“Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana?Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana?

AKCB: 9AKCB

Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn de,na wo nne betumi abobɔ mu sɛ ne de ana?

AKCB: 10AKCB

Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho,na fura nidi ne kɛseyɛ.

AKCB: 11AKCB

Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu,hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,

AKCB: 12AKCB

hwɛ ɔhantanni biara na si no famna tiatia amumɔyɛfo so wɔ faako a wogyina hɔ.

AKCB: 13AKCB

Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfutuma mu;kata wɔn anim wɔ ɔda mu.

AKCB: 14AKCB

Na afei mʼankasa megye ato mu sɛwo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa.

AKCB: 15AKCB

“Hwɛ susono,nea meyɛɛ no kaa wo hona ɔwe sare te sɛ nantwi.

AKCB: 16AKCB

Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasen mune ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu!

AKCB: 17AKCB

Ne dua hinhim sɛ sida;ne srɛ mu ntin yɛ peperee.

AKCB: 18AKCB

Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafrae dorobɛn,nʼabasa ne ne nʼanan te sɛ nnade praban.

AKCB: 19AKCB

Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so.

AKCB: 20AKCB

Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no,na wuram mmoa nyinaa goru bɛn hɔ.

AKCB: 21AKCB

Nsɔensɔe nnua ase na ɔda,na dontori mu demmire akata no so.

AKCB: 22AKCB

Nsɔensɔe nwini no kata ne so;na nsunoa nnua twa ne ho hyia.

AKCB: 23AKCB

Nsu nworoso nhaw no;mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw.

AKCB: 24AKCB

Obi betumi akyere no animono;anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana?