Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 42

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 42 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Hiob buaa Awurade se,

AKCB: 2AKCB

“Minim sɛ wutumi yɛ nneɛma nyinaa;obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛe.

AKCB: 3AKCB

Wubisa se, ‘Hena ni a onni nimdeɛ nso osiw mʼafotu ho kwan?’Ampa ara mekaa nneɛma a mente ase no ho nsɛm,nneɛma a ɛyɛ nwonwa ma me.

AKCB: 4AKCB

“Wokae se, ‘Tie na menkasa;mebisa wo nsɛmna ɛsɛ sɛ woma me mmuae.’

AKCB: 5AKCB

Mate wo nka pɛn,na mprempren de, mʼani ahu wo.

AKCB: 6AKCB

Ɛno nti mibu me ho animtiaana mete mfutuma ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”

AKCB: 7AKCB

Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas se, “Me bo afuw wo ne wo nnamfonom baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob kae no.

AKCB: 8AKCB

Afei, momfa anantwi ason ne adwennini ason, na monkɔ me somfo Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho. Me somfo Hiob bɛbɔ mpae ama mo, na metie ne mpaebɔ no na merenyɛ mo sɛnea ɛfata mo nkwaseasɛm no, nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob yɛe no.”

AKCB: 9AKCB

Enti Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no; na Awurade tiee Hiob mpaebɔ.

AKCB: 10AKCB

Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfonom akyi no, Awurade san yɛɛ no ɔdefo bio na ɔde nʼahode a na ɔwɔ kan no mmɔho abien maa no.

AKCB: 11AKCB

Afei, ne nuabarimanom, ne nuabeanom nyinaa ne obiara a na onim no dedaw no baa ne fi ne no bedidii. Wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kaa.

AKCB: 12AKCB

Awurade hyiraa Hiob nkwa awiei sen ne mfiase. Onyaa nguan mpem dunan, yoma mpem asia, anantwinini mpamho apem ne mfurum abere apem.

AKCB: 13AKCB

Bio onyaa mmabarima baason ne mmabea baasa.

AKCB: 14AKCB

Ɔtoo ne babea piesie no din Yemima, na nea odi so no Kesia na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-Hapuk.

AKCB: 15AKCB

Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmabea no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuabarimanom no ho maa wɔn agyapade.

AKCB: 16AKCB

Eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan; ohuu ne mma ne ne nenanom awo ntoatoaso anan.

AKCB: 17AKCB

Afei owui a na wabɔ akwakoraa pa ara.