Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 39

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 39 Bible text

AKCB: 1AKCB

“So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo?Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?

AKCB: 2AKCB

So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn?Wunim bere a wɔwo ana?

AKCB: 3AKCB

Wɔkotow wowo wɔn mma;wɔn awoko yaw to twa.

AKCB: 4AKCB

Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram;na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.

AKCB: 5AKCB

“Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di?Hena na ɔsan ne hama?

AKCB: 6AKCB

Mede asase kesee maa no sɛ ne fi,ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae.

AKCB: 7AKCB

Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ;na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.

AKCB: 8AKCB

Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibeaɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.

AKCB: 9AKCB

“Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana?Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?

AKCB: 10AKCB

Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana?Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?

AKCB: 11AKCB

Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti?Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?

AKCB: 12AKCB

Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛbana waboa ano de akɔ awiporowbea ana?

AKCB: 13AKCB

“Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so,nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.

AKCB: 14AKCB

Ɔtow ne nkesua gu asase soma mfutuma ka no hyew,

AKCB: 15AKCB

ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no,sɛ wuram aboa bi betiatia so.

AKCB: 16AKCB

Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea;ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,

AKCB: 17AKCB

efisɛ Onyankopɔn amma no nyansawamma no nhumu biara.

AKCB: 18AKCB

Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a,ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.

AKCB: 19AKCB

“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔdenanaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?

AKCB: 20AKCB

Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi,na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?

AKCB: 21AKCB

Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu,na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

AKCB: 22AKCB

Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara;ohu afoa a onguan.

AKCB: 23AKCB

Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu,na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.

AKCB: 24AKCB

Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam;na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.

AKCB: 25AKCB

Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri,ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.

AKCB: 26AKCB

“Wo nyansa na ɛma akoroma tuna ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?

AKCB: 27AKCB

Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosorokɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ?

AKCB: 28AKCB

Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda;ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen.

AKCB: 29AKCB

Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan;nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.

AKCB: 30AKCB

Mogya yɛ ne mma aduan,na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”