Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 38

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 38 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,

AKCB: 2AKCB

“Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mukata me nhyehyɛe so?

AKCB: 3AKCB

Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;mebisa wo nsɛm,na wubebua me.

AKCB: 4AKCB

“Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he?Sɛ wote ase, ka ɛ.

AKCB: 5AKCB

Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim!Hena na ɔtwee susuhama faa ani?

AKCB: 6AKCB

Dɛn so na egyina,anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no,

AKCB: 7AKCB

bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no?

AKCB: 8AKCB

“Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi,bere a epue fii ɔyafunu mu,

AKCB: 9AKCB

bere a mede omununkum yɛɛ nʼaduradena mede sum kabii kyekyeree no,

AKCB: 10AKCB

bere a metoo ɔhye maa nona misisii nʼapon ne nʼadaban,

AKCB: 11AKCB

bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha;ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’

AKCB: 12AKCB

“So woahyɛ mmara ama adekyee da?Na woakyerɛ ahemadakye nso afa,

AKCB: 13AKCB

sɛ ɛnkɔka asase anona ontu amumɔyɛfo mfi so?

AKCB: 14AKCB

Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase;na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade.

AKCB: 15AKCB

Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn,na wɔn abasa a wɔama so no mu abu.

AKCB: 16AKCB

“So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔanaa woanantew ne bun mu pɛn?

AKCB: 17AKCB

So wɔde owu apon akyerɛ wo?Woahu owu sunsuma apon ana?

AKCB: 18AKCB

Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana?Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me.

AKCB: 19AKCB

“Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae?Na ɛhe na sum te?

AKCB: 20AKCB

Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea?Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae?

AKCB: 21AKCB

Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw.Woanyin yiye!

AKCB: 22AKCB

“Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu daanaa woahu mparuwbo adekoradan

AKCB: 23AKCB

a makora so ama ahohia bere,ɔsa ne akodi nna?

AKCB: 24AKCB

Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba,anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so?

AKCB: 25AKCB

Hena na otwaa ɛka maa osuhweam,ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu,

AKCB: 26AKCB

sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so,nweatam a obiara nni so,

AKCB: 27AKCB

na ama asase kesee a ɛda mpan afɔwna sare afifi wɔ so?

AKCB: 28AKCB

Osu wɔ agya ana?Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ?

AKCB: 29AKCB

Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi?Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro

AKCB: 30AKCB

bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo,na bun ani kyen?

AKCB: 31AKCB

“Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma?Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana?

AKCB: 32AKCB

Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere muanaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ?

AKCB: 33AKCB

So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho?Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana?

AKCB: 34AKCB

“Wubetumi ama wo nne adu omununkum sona wode nsu akata wo ho ana?

AKCB: 35AKCB

Wutumi ma anyinam twa?Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana?

AKCB: 36AKCB

Hena na ɔde nyansa ma komaanaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu?

AKCB: 37AKCB

Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum?Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku,

AKCB: 38AKCB

bere a mfutuma ayɛ denama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu.

AKCB: 39AKCB

“Wokɔ ahayɛ ma gyataberema gyata didi mee

AKCB: 40AKCB

bere a wobutubutuw wɔn abon anoanaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase?

AKCB: 41AKCB

Hena na ɔma kwaakwaadabi aduanbere a ne mma su frɛ Onyankopɔnna wonni aduan nti wokyinkyin?