Scripture
Hiob Nhoma 31
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nhoma 31 Bible text
Dɛn ne onipa kyɛfa a efi ɔsoro Nyankopɔn nkyɛn?Dɛn ne nʼagyapade a efi ɔsoro Tumfo no nkyɛn?
Ɛnyɛ nea ɔbɔɔ me wɔ ɔyafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn?Ɛnyɛ onipa koro no na ɔyɛɛ yɛn baanu wɔ yɛn nanom yafunu mu?
Misuroo ɔsɛe a efi Onyankopɔn nkyɛn,na nʼanuonyam ho suro nti mantumi anyɛ saa nneyɛe no.
“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ muanaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ ankasa se, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’
ɛno de, na eyinom nso bɛyɛ bɔne a wobu ho atɛn,efisɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokware.
(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a obetie me.Mede me din ahyɛ mʼanoyi ase, ma Otumfo no mmua me;ma nea ɔbɔ me kwaadu no nkyerɛw ne sobobɔ.