Scripture
Hiob Nhoma 32
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nhoma 32 Bible text
Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem.
Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ.
Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se,“Meyɛ abofra,na moyɛ mpanyimfo;ɛno nti na misuroo sɛmɛka nea minim akyerɛ mo.
meyɛɛ aso maa mo pa ara,nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso;mo mu biara anyi ne nsɛm no ano.
So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi,saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no?