Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 30

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 30 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Nanso mprempren wɔserew me,nnipa a manyin sen wɔn,na wɔn agyanom mfata sɛwɔne me nguan ho akraman tena.

AKCB: 2AKCB

Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me,bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu?

AKCB: 3AKCB

Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew,wɔnantew asase keseene asase bonin so anadwo.

AKCB: 4AKCB

Wɔboaboaa nkyenhaban ano wɔ nkyɛkyerɛ mu,na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan.

AKCB: 5AKCB

Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu,na wohuroo wɔn sɛ akorɔmfo.

AKCB: 6AKCB

Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo,abotan ne fam ntokuru mu,

AKCB: 7AKCB

wosuu sɛ mfurum wɔ wuramna wɔfofɔree so wɔ ɔdɔtɔ ase.

AKCB: 8AKCB

Kuw a wɔmfra na wonni din,wɔpam wɔn fii asase no so.

AKCB: 9AKCB

“Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom bɔ me akutia;mayɛ abusude wɔ wɔn mu.

AKCB: 10AKCB

Wokyi me na wontwiw mmɛn me;wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasu gu mʼanim.

AKCB: 11AKCB

Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ mʼanim.

AKCB: 12AKCB

Abusuakuw no tow hyɛ me so wɔ me nifa so;wosum mʼanan mfiri,na wosisi mpie tia me.

AKCB: 13AKCB

Wosisiw mʼakwan;na wonya me sɛe mena obiara mmoa me.

AKCB: 14AKCB

Wɔba te sɛ nea wofi ntokuru a ano abae mu;wɔnam mmubui no mu munumunum ba.

AKCB: 15AKCB

Ahunahuna ma me ho dwiriw me;mʼanuonyam atu kɔ sɛnea mframa abɔ agu,me bammɔ atu ayera sɛ omununkum.

AKCB: 16AKCB

“Na mprempren, me nkwa resa;na amanehununna akyekyere me.

AKCB: 17AKCB

Anadwo wowɔ me nnompe mu;ɔyaw a ɛwe me no nnyae.

AKCB: 18AKCB

Onyankopɔn fi ne tumi mu yɛ sɛ adurade ma me;omia me te sɛ mʼatade kɔn.

AKCB: 19AKCB

Ɔtow me kyene dontori muna ɔma me yɛ sɛ mfutuma ne nsõ.

AKCB: 20AKCB

“Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me.Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.

AKCB: 21AKCB

Woba me so anibere so;wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so.

AKCB: 22AKCB

Wuhwim me na wode mframa pia me;wudenkyidenkyi me wɔ ahum mu.

AKCB: 23AKCB

Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu,faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no.

AKCB: 24AKCB

“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛbere a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.

AKCB: 25AKCB

Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana?Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana?

AKCB: 26AKCB

Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae;bere a mepɛɛ hann no sum na edurui.

AKCB: 27AKCB

Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.

AKCB: 28AKCB

Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ sɛ owia na ahyew me;migyina aguabɔbea na misu pɛ mmoa.

AKCB: 29AKCB

Madan nnompo nuabarima,me ne mpatu na ɛbɔ.

AKCB: 30AKCB

Me honam ani biri na ehuanhuan;atiridii ama me ho adɔ.

AKCB: 31AKCB

Me sanku bɔ kwadwom,na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei.