Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 23

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 23 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Hiob buae se,

AKCB: 2AKCB

“Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den;ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.

AKCB: 3AKCB

Sɛ minim baabi a mehu no;anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a

AKCB: 4AKCB

anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanimna magye akyinnye bebree.

AKCB: 5AKCB

Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me,na madwen nea ɔbɛka ho.

AKCB: 6AKCB

Ɔbɛsɔre atia me dennen ana?Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

AKCB: 7AKCB

Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.

AKCB: 8AKCB

“Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ;sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.

AKCB: 9AKCB

Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no;sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.

AKCB: 10AKCB

Nanso onim ɔkwan a menam so;na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.

AKCB: 11AKCB

Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;na manantew nʼakwan so a mamman.

AKCB: 12AKCB

Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho,mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.

AKCB: 13AKCB

“Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no?Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

AKCB: 14AKCB

Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me;ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.

AKCB: 15AKCB

Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim;na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.

AKCB: 16AKCB

Onyankopɔn ama me koma abotow;Otumfo ama mabɔ huboa.

AKCB: 17AKCB

Nanso sum no mma menka mʼano nto mu,sum kabii a ɛkata mʼanim no.