Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 24

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 24 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu?Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?

AKCB: 2AKCB

Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye;na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi.

AKCB: 3AKCB

Wɔpam ayisaa mfurumna wogye akunafo anantwi sɛ awowaside.

AKCB: 4AKCB

Wosum ahiafo fi kwan sona wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.

AKCB: 5AKCB

Sɛnea sare so mfurum yɛ nosaa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan;asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.

AKCB: 6AKCB

Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no sona wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu.

AKCB: 7AKCB

Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo;wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu.

AKCB: 8AKCB

Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyamna wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.

AKCB: 9AKCB

Wɔtew ayisaa fi nufu ano;na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.

AKCB: 10AKCB

Wɔnenam adagyaw a wonni ntama;wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.

AKCB: 11AKCB

Wokyi ngo wɔn adan mu;wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.

AKCB: 12AKCB

Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu,na apirafo kra su pɛ mmoa.Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

AKCB: 13AKCB

“Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no,wɔn a wonnim nʼakwananaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.

AKCB: 14AKCB

Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔrena okum ohiani ne mmɔborɔni;anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo.

AKCB: 15AKCB

Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri;ɔka se, ‘obiara renhu me,’na ɔde nʼanim hintaw.

AKCB: 16AKCB

Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu,na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu;wɔne hann nni hwee yɛ.

AKCB: 17AKCB

Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa;wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.

AKCB: 18AKCB

“Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani;wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.

AKCB: 19AKCB

Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no,saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no.

AKCB: 20AKCB

Awotwaa werɛ fi wɔn,na osunson di wɔn nam;nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn biona mmom wobubu te sɛ dua.

AKCB: 21AKCB

Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam,na wonhu akunafo mmɔbɔ.

AKCB: 22AKCB

Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ;ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.

AKCB: 23AKCB

Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu,nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.

AKCB: 24AKCB

Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio;wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti.

AKCB: 25AKCB

“Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnyena ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?”