Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 22

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 22 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Temanni Elifas buae se,

AKCB: 2AKCB

“Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana?Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana?

AKCB: 3AKCB

Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya?Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya?

AKCB: 4AKCB

“Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanimna ɔbɔ wo kwaadu ana?

AKCB: 5AKCB

Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso?Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?

AKCB: 6AKCB

Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so;wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.

AKCB: 7AKCB

Woamma abrɛfo nsu annomna wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,

AKCB: 8AKCB

nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase,onuonyamfo a ɔte so.

AKCB: 9AKCB

Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapanna womaa ayisaa nso ahoɔden sae.

AKCB: 10AKCB

Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia,na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi,

AKCB: 11AKCB

ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade,na asorɔkye akata wo so yi.

AKCB: 12AKCB

“So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana?Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

AKCB: 13AKCB

Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim?Sum yi mu na obu atɛn ana?

AKCB: 14AKCB

Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛnbere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’

AKCB: 15AKCB

So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw aabɔnefo anantew so no so ana?

AKCB: 16AKCB

Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso,na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.

AKCB: 17AKCB

Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn!Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’

AKCB: 18AKCB

Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu,nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.

AKCB: 19AKCB

Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye;na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se,

AKCB: 20AKCB

‘Wɔasɛe yɛn atamfo,na ogya ahyew wɔn agyapade.’

AKCB: 21AKCB

“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu;saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa.

AKCB: 22AKCB

Tie akwankyerɛ a efi nʼanom,na fa ne nsɛm sie wo koma mu.

AKCB: 23AKCB

Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio:sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu

AKCB: 24AKCB

na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mune Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a,

AKCB: 25AKCB

ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo.

AKCB: 26AKCB

Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo muna wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

AKCB: 27AKCB

Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo,na wubedi wo bɔhyɛ so.

AKCB: 28AKCB

Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,na hann bɛtɔ wʼakwan so.

AKCB: 29AKCB

Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a,obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.

AKCB: 30AKCB

Obegye abɔnefo mpo,ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.”