Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 17

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 17 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me honhom atɔ beraw,me nna so atwa,na ɔda retwɛn me.

AKCB: 2AKCB

Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia;ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.

AKCB: 3AKCB

“Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia.Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?

AKCB: 4AKCB

Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;enti woremma wonni nkonim.

AKCB: 5AKCB

Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a,ɛbɛhwere ne mma aniwa.

AKCB: 6AKCB

“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,obi a wɔte ntasu gu nʼani so.

AKCB: 7AKCB

Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoome nipadua nyinaa yɛ sunsuma.

AKCB: 8AKCB

Ɛyɛ atreneefo nwonwa;wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.

AKCB: 9AKCB

Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim,na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

AKCB: 10AKCB

“Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ!Na merennya onyansafo wɔ mo mu.

AKCB: 11AKCB

Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam.Nanso me koma apɛde

AKCB: 12AKCB

ma anadwo dan awia;sum mu koraa no hann bɛn.

AKCB: 13AKCB

Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda,sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu,

AKCB: 14AKCB

sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,

AKCB: 15AKCB

na afei mʼanidaso wɔ he?Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?

AKCB: 16AKCB

Ebesian akɔ owu pon ano ana?Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?”