Scripture
Hiob Nhoma 16
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nhoma 16 Bible text
Anka me nso metumi akasa sɛ mo,sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mona mabu mo animtiaa.
Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw muna ɔtwɛre ne se gu me so;nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaana wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.
Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ.Ɔde me asi nʼani so;
nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔmaa me bɔnwoma petee fam.