Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Suhini Bildad buae se,

AKCB: 2AKCB

“Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi?Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.

AKCB: 3AKCB

Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwina wususuw sɛ yennim nyansa yi?

AKCB: 4AKCB

Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete,wo nti na yemfi asase soanaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?

AKCB: 5AKCB

“Omumɔyɛfo kanea adum;na ne gya nnɛw bio.

AKCB: 6AKCB

Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum;kanea a esi ne ho no dum.

AKCB: 7AKCB

Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.

AKCB: 8AKCB

Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu,na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.

AKCB: 9AKCB

Afiri so ne nantinna eso ne mu dennen.

AKCB: 10AKCB

Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam;afiri wɔ ne kwan mu.

AKCB: 11AKCB

Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaana ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.

AKCB: 12AKCB

Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

AKCB: 13AKCB

Ɛwewe ne honam ani baabi;na owu di kan sɛe nʼakwaa.

AKCB: 14AKCB

Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ muna wɔde no brɛ ahunahunahene.

AKCB: 15AKCB

Ogya te ne ntamadan mu;na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.

AKCB: 16AKCB

Ne ntin wuwu wɔ asena ne mman nso wu wɔ soro.

AKCB: 17AKCB

Wɔnnkae no asase so bio;na onni din wɔ asase so.

AKCB: 18AKCB

Wɔka no fi hann mu kɔ sum muna wɔpam no fi wiase.

AKCB: 19AKCB

Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu,na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae.

AKCB: 20AKCB

Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho;na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.

AKCB: 21AKCB

Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te;sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”