Scripture
Hiob Nhoma 15
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nhoma 15 Bible text
“Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼanoanaasɛ ɔde apuei mframa a emu yɛ hyew bɛhyɛ nʼafuru ma?
Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa,na basabasayɛni nso, ne mfe a wɔahyehyɛ ama no nyinaa.
Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so.
Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina,na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so.
Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba,na ogya bɛhyew wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntamadan.