Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 14

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 14 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Nnipa a ɔbea awo wɔnnna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.

AKCB: 2AKCB

Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam;ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.

AKCB: 3AKCB

Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?

AKCB: 4AKCB

Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu?Obiara nni hɔ.

AKCB: 5AKCB

Woahyehyɛ onipa nkwa nna;woahyɛ nʼasram dodow ato hɔna woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.

AKCB: 6AKCB

Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ,kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani.

AKCB: 7AKCB

“Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no:Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio,na ne mman foforo no rempenpan.

AKCB: 8AKCB

Ne ntin betumi anyin akyɛ asase muna ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu,

AKCB: 9AKCB

nanso, onya nsu a ɛfefɛw,na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw.

AKCB: 10AKCB

Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.

AKCB: 11AKCB

Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no,anaa sɛnea suka mu yowee no,

AKCB: 12AKCB

saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔrena wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.

AKCB: 13AKCB

“Sɛ anka wode me besie ɔda mude me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu!Sɛ anka wobɛhyɛ me berena afei woakae me!

AKCB: 14AKCB

Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana?Mʼaperedi nna mu nyinaamɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba.

AKCB: 15AKCB

Wobɛfrɛ na megye wo so;wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.

AKCB: 16AKCB

Afei wobɛkan mʼanammɔntuna worenni me bɔne akyi.

AKCB: 17AKCB

Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu,na woakata mʼamumɔyɛ so.

AKCB: 18AKCB

“Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpomponona ɔbotan nso twe fi ne sibea no,

AKCB: 19AKCB

sɛnea nsu yiyi abo hona osuhweam twe dɔte kɔ nosaa ara na wosɛe onipa anidaso.

AKCB: 20AKCB

Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ;wosakra ne nipasu na wugya no kwan.

AKCB: 21AKCB

Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim;na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.

AKCB: 22AKCB

Ɔno ara were mu yaw na ɔteena ɔno ara ne ho na ogyam.”