Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 13

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 13 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Mʼani ahu eyinom nyinaa,mʼaso ate, na ate ase.

AKCB: 2AKCB

Nea wunim no, me nso minim;wonyɛ abomfiaa mma me.

AKCB: 3AKCB

Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo nona mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn.

AKCB: 4AKCB

Mode atoro mmom na asra me ho;mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee!

AKCB: 5AKCB

Sɛ mobɛyɛ komm koraa aɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!

AKCB: 6AKCB

Afei muntie mʼano asɛm;muntie mʼanoyi.

AKCB: 7AKCB

Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana?Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana?

AKCB: 8AKCB

Mobɛkyea mo aso ama no?Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana?

AKCB: 9AKCB

Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana?Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana?

AKCB: 10AKCB

Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a,sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim

AKCB: 11AKCB

Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana?Ne ho suro ntɔ mo so ana?

AKCB: 12AKCB

Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ;mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi.

AKCB: 13AKCB

“Monyɛ komm mma menkasa;na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so.

AKCB: 14AKCB

Adɛn nti na mede me ho to amane muna mede me nkwa to me nsam?

AKCB: 15AKCB

Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda;ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim.

AKCB: 16AKCB

Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye,efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!

AKCB: 17AKCB

Muntie me nsɛm yi yiye;monyɛ aso mma nea meka.

AKCB: 18AKCB

Afei a masiesie me nkurobɔ yi,minim sɛ medi bem.

AKCB: 19AKCB

Obi betumi abɔ me kwaadu ana?Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu.

AKCB: 20AKCB

“Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me,na afei meremfa me ho nhintaw wo:

AKCB: 21AKCB

Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri,na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.

AKCB: 22AKCB

Ɛno de, samena me na mɛba,anaa ma menkasa na bua me.

AKCB: 23AKCB

Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ?Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne.

AKCB: 24AKCB

Adɛn nti na wode wʼanim asie mena wudwen sɛ meyɛ wo tamfo?

AKCB: 25AKCB

Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana?Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana?

AKCB: 26AKCB

Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me,na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so.

AKCB: 27AKCB

Wode nkyehama gu mʼanan;wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiyena wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu.

AKCB: 28AKCB

“Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw,te sɛ atade a nwewee adi.