Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Hiob buae se,

AKCB: 2AKCB

“Akyinnye nni ho, mo ne nnipa nona muwu a na nyansa asa!

AKCB: 3AKCB

Nanso mewɔ adwene sɛ mo aramonnsen me.Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa?

AKCB: 4AKCB

“Mayɛ aserewde ama me nnamfonom,mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae,aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm.

AKCB: 5AKCB

Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn no bu amanehunu animtiaasɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no.

AKCB: 6AKCB

Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan,na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw wɔ bammɔna Onyankopɔn bɔ nea ɔde ma wɔn ho ban.

AKCB: 7AKCB

“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ woanaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo

AKCB: 8AKCB

anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo,anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo.

AKCB: 9AKCB

Wɔn nyinaa mu hena na onnim sɛ Awurade nsa na ayɛ eyi.

AKCB: 10AKCB

Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔne adesamma nyinaa home.

AKCB: 11AKCB

So aso nsɔ nsɛm nhwɛsɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana?

AKCB: 12AKCB

Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn,na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?

AKCB: 13AKCB

“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de;afotu ne ntease yɛ ne dea.

AKCB: 14AKCB

Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi;nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no.

AKCB: 15AKCB

Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee;sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

AKCB: 16AKCB

Ahoɔden ne nkonimdi yɛ ne deosisifo ne nea wosisi no no nso yɛ ne de.

AKCB: 17AKCB

Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔna ɔma atemmufo yɛ nkwasea.

AKCB: 18AKCB

Ɔworɔw ahemfo nkyehamana ɔde abɔso bɔ wɔn asen.

AKCB: 19AKCB

Ɔpa asɔfo ho ntama,na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu.

AKCB: 20AKCB

Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ,na ogye mpanyimfo nhumu.

AKCB: 21AKCB

Ɔde animguase gu atitiriw sona otintim gye ahoɔdenfo nsam akode.

AKCB: 22AKCB

Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adina ɔde sum kabii ba hann mu.

AKCB: 23AKCB

Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn;ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu.

AKCB: 24AKCB

Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam;na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so.

AKCB: 25AKCB

Wɔkeka wɔ sum mu a wonni kanea;na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabowfo.”