Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Naamani Sofar buae se,

AKCB: 2AKCB

“Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana?Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana?

AKCB: 3AKCB

Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana?Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana?

AKCB: 4AKCB

Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛmna meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’

AKCB: 5AKCB

Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa,anka ɔnkasa ntia wo

AKCB: 6AKCB

na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu.Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo.

AKCB: 7AKCB

“Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana?Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana?

AKCB: 8AKCB

Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ?Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu?

AKCB: 9AKCB

Ne nsusuwii mu ware sen asasena ɛtrɛw sen po.

AKCB: 10AKCB

“Sɛ ɔba de wo bɛto afiaseansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan?

AKCB: 11AKCB

Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo;na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana?

AKCB: 12AKCB

Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo dana wɔawo afurum ba sɛ onipa.

AKCB: 13AKCB

“Na sɛ wode wo koma ma nona wopagyaw wo nsa kyerɛ no,

AKCB: 14AKCB

sɛ wugyaa bɔne a wukura no muna woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a

AKCB: 15AKCB

ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so;wubegyina pintinn a worensuro.

AKCB: 16AKCB

Wo werɛ befi wʼahokyere,na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ.

AKCB: 17AKCB

Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae,na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann.

AKCB: 18AKCB

Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ;wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu.

AKCB: 19AKCB

Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn.

AKCB: 20AKCB

Amumɔyɛfo ani befura,wɔrentumi nguan;na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.”