Scripture
Odiyifo Yeremia Nhoma 9
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yeremia Nhoma 9 Bible text
Ao, sɛ me ti yɛ asuti,na mʼaniwa yɛ nusu abura a!Mɛtew nusu awia ne anadwoama me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no.
Ao, sɛ mewɔ akwantufo asoɛewɔ nweatam no so aanka megyaw me nkurɔfo hɔna mafi wɔn nkyɛn;efisɛ wɔn nyinaa yɛ nguaman,nnipakuw a wonni nokware.
“Wosiesie wɔn tɛkrɛmate sɛ agyan de di atoro;Ɛnyɛ nokware so na wɔnamdi yiye wɔ asase yi so.Wɔyɛ bɔne toatoa so;na wonnye me nto mu,” Awurade na ose.
“Monhwɛ yiye wɔ mo nnamfonom ho;munnye obiara nni wɔ mo abusua mu.Efisɛ wɔn mu biara yɛ ɔdaadaafo,na adamfo biara yɛ ɔsɛefo.
Adamfo daadaa adamfo,na wɔn mu biara nka nokware.Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu,wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho.
Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se,“Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ,na dɛn bio na metumi ayɛesiane me nkurɔfo yi bɔne nti?
Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre;ɛka nnaadaasɛm.Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko,nanso ne koma mu de, osum no afiri.
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”Sɛɛ na Awurade se.“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
Mesu na metwa adwo ama mmepɔw no,mɛbɔ abubuw a ɛfa nweatam adidibea ho.Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,na wɔnte anantwi su wɔ hɔ.Wim nnomaa no atutu kɔna mmoa no nso aguan kɔ.
“Mɛyɛ Yerusalem mmubui siw,sakraman atu;na mɛma Yuda nkurow ada mpansɛnea obiara ntumi ntena hɔ.”
Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?
Awurade kae se, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so.
Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra.
Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ mɛsɛe wɔn.”
Sɛnea Awurade tumfo se ni:“Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.
Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,‘Wɔasɛe yɛn!Yɛn anim agu ase yiye!Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase soefisɛ yɛn afi abubu.’ ”
Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.
Owu aforo afa yɛn mfɛnsere muahyɛn yɛn aban mu;apam mmofra afi mmɔnten sone mmerante afi ɔman aguabɔbea.
Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se,“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔte sɛ sumina a egugu petee mu,te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyia obiara mmoaboaa ano.’ ”
Eyi ne nea Awurade se:“Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne hoanaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne hoanaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛɔwɔ nhumu, na onim sɛ,me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so,efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,”sɛnea Awurade se ni.
“Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:
Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”