Scripture
Odiyifo Yeremia Nhoma 10
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yeremia Nhoma 10 Bible text
Sɛɛ na Awurade se:“Munnsua amanaman no akwananaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu,ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu.
Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu,wɔn ahoni no ntumi nkasa;ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔnefisɛ wontumi nnantew.Munnsuro wɔn;wɔrentumi nhaw mona wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.”
Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni,Amansanhene?Eyi na ɛfata wo.Amanaman no so anyansafo nyinaa mune wɔn ahenni nyinaa mu,obiara ne wo nsɛ.
Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba,ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba.Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛa wɔde ntama bibiri ne beredum afura no,ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma.
Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no;ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no.Sɛ ne bo fuw a asase wosow;na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano.
“Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”
Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu,na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu;ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.Ɔde anyinam ka osu ho ba,na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu.
Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.Ne nsɛsode yɛ atoro;wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfoa Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho,Asafo Awurade ne ne din.
Na sɛɛ na Awurade se:“Saa bere yi mɛtow wɔn awɔtete asase yi so agu;mede amanehunu bɛba wɔn sosɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.”
Me pira yi nti minnue,mʼapirakuru yɛ akisikuru!Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,“Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.”
Wɔasɛe me ntamadan;wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu.Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio;anka obiara a obesi me ntamadananaa obesiesie me suhyɛ.
Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefowommisa Awurade akyi kwan;ɛno nti wɔnkɔ sona wɔn nguankuw no abɔ ahwete.
Muntie! Amanneɛ no reba,basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so!Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan,na ayɛ sakraman atu.
Hwie wʼabufuwhyew no gu amanamana wonnye wo nto mu no so,nnipa a wɔmmɔ wo din no so.Efisɛ, wɔasɛe Yakobwɔasɛe no koraana wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.