Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

“ ‘Saa bere no, sɛnea Awurade se ni, wobeyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfo nnompe, asɔfo ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn nna mu.

AKCB: 2AKCB

Wɔbɛsɛw no kɛtɛ wɔ owia ne ɔsram ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔe, na wɔsomee, na wodii akyi kɔɔ so abisa na wɔsɔree no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn; mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.

AKCB: 3AKCB

Baabiara a metwa saa ɔman bɔne yi nkae no asu akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛnea Asafo Awurade se ni.’

AKCB: 4AKCB

“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni:“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre ana?Sɛ onipa dan ne ho a, ɔnsan nʼakyi ana?

AKCB: 5AKCB

Afei adɛn nti na saa nnipa yi adan wɔn ho?Adɛn nti na Yerusalem dan ne ho daa yi?Wokura nnaadaa mu pintinn;na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.

AKCB: 6AKCB

Mawɛn mʼaso atie,nanso wɔnnka nea ɛteɛ.Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumɔyɛ ho,na ɔka se, “Dɛn na mayɛ?”Obiara fa ne kwante sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrepem akɔ akono.

AKCB: 7AKCB

Mpo aturukuku a ɔwɔ wimnim ne mmere a wɔahyehyɛ ama no,na asukɔnkɔn, asomfena ne agyenkukuhu bere a wotu kɔtena baabi,nanso me nkurɔfo nnimnea Awurade hwehwɛ.

AKCB: 8AKCB

“ ‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa,efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,”wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofode atoro adannan mu?

AKCB: 9AKCB

Anyansafo no anim begu ase;wɔn ho bedwiriw wɔn na afide ayi wɔn.Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,na nyansa bɛn na wɔwɔ?

AKCB: 10AKCB

Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforone wɔn mfuw nso ama afoforo.Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;adiyifo ne asɔfo te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifo.

AKCB: 11AKCB

Wɔtoto me nkurɔfo apirakurute sɛnea ɛnyɛ hu.Wɔka se, “Asomdwoe, asomdwoe”wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.

AKCB: 12AKCB

Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;wonnim fɛre mpo.Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Mɛfa wɔn twabere nnɔbae akɔ,nea Awurade se ni.Aba biara remma bobe nnua no so.Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,ɛso nhaban begunguan.Nea mede ama wɔn no,wobegye afi wɔn nsam.’ ”

AKCB: 14AKCB

Adɛn nti na yɛtete ha?Mommoaboa mo ho ano!Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ muna yenkowuwu wɔ hɔ!efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abu yɛn kumfɔna wama yɛn nsu a awuduru wɔ mu sɛ yɛnnom,efisɛ yɛayɛ bɔne atia no.

AKCB: 15AKCB

Yɛhwɛɛ kwan sɛ yebenya asomdwoenanso biribi pa biara amfi mu amma,yɛhwɛɛ ayaresabere kwannanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

AKCB: 16AKCB

Wɔte atamfo no apɔnkɔ homefii Dan;na wɔn apɔnkɔnini suma asase no nyinaa wosow.Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛeasase no ne so nneɛma nyinaa,kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.

AKCB: 17AKCB

“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu,nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn,na wɔbɛkeka mo,”nea Awurade se ni.

AKCB: 18AKCB

Wone mʼawerɛhow mu Werɛkyekyefo,me koma abotow wɔ me mu.

AKCB: 19AKCB

Tie me nkurɔfo sufrɛ;a efi akyirikyiri asase so:“Awurade nni Sion ana?Ne Hene no nni hɔ bio ana?”“Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw,wɔn ananafo ahoni huhuw no?”

AKCB: 20AKCB

“Otwabere no atwa mu,ahuhuru bere no aba awiei,na wonnnyee yɛn nkwa.”

AKCB: 21AKCB

Sɛ wɔadwerɛw me nkurɔfo no nti, wɔadwerɛw me;midi awerɛhow, na ahodwiriw akyekyere me.

AKCB: 22AKCB

Aduru bi nni Gilead ana?Ɔyaresafo bi nni hɔ ana?Na afei adɛn nti na ayaresa nni hɔmma me nkurɔfo apirakuru?