Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Munni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so,monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,monhwehwɛ guabɔbea nyinaa.Sɛ muhu onipa baako mpo aɔyɛ pɛ na odi nokware a,mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.

AKCB: 2AKCB

Ɛwɔ mu wɔka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’nanso wɔda so ka ntam hunu.”

AKCB: 3AKCB

Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana?Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara;wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso.Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbona wɔansakra wɔn adwene.

AKCB: 4AKCB

Misusuw se, “Eyinom nko ara ne ahiafo no;wɔyɛ nkwaseafo nso,efisɛ wonnim Awurade akwan,nea wɔn Nyankopɔn hwehwɛ.

AKCB: 5AKCB

Enti mɛkɔ ntuanofo no nkyɛnakɔkasa akyerɛ wɔn;ampa ara wonim Awurade akwannea wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”Nanso wɔn nso de adwene koro abubu konnua noatetew nkyehama no mu.

AKCB: 6AKCB

Ɛno nti gyata bi a ofi kwae mu bɛtow ahyɛ wɔn so,pataku bi a ofi nweatam so bɛtetew wɔn mu.Ɔsebɔ bi bɛtɛw abɛn wɔn nkurow,na obiara a obeyi ne ti no ɔbɛtetew ne mu nketenkete,efisɛ wɔn atuatew no ano yɛ denna wɔn akyirisan aboro so.

AKCB: 7AKCB

“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?Mo mma apo me,wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.Memaa wɔn nea wohia nyinaa,nanso wɔbɔɔ aguamanna wɔbɔɔ yuu kɔɔ nguamanfo afi mu.

AKCB: 8AKCB

Mpɔnkɔnini aniberefo a wɔhwɛ wɔn yiye,wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.

AKCB: 9AKCB

Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”Sɛɛ na Awurade se.“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

AKCB: 10AKCB

“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,nanso monnsɛe no koraa.Mompempan ne mman no,efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.

AKCB: 11AKCB

Israelfi ne Yudafianni me nokware koraa,” Awurade na ose.

AKCB: 12AKCB

Wɔadi atoro afa Awurade ho,wɔkae se, “Ɔrenyɛ hwee!Ɔhaw biara remma yɛn so;yɛrenhu afoa anaa ɔkɔm da.

AKCB: 13AKCB

Adiyifo no yɛ mframa bi kɛkɛna asɛm no nte wɔn mu;enti momma nea wɔka no mmra wɔn so.”

AKCB: 14AKCB

Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se:“Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti,mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogyana saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.

AKCB: 15AKCB

Israelfi,” Awurade na ose,“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo,tete man a ɛyɛ ɔmantease,nnipa a munnim wɔn kasa,na monnte wɔn kasa ase.

AKCB: 16AKCB

Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ ɔda a ano da hɔ;wɔn nyinaa yɛ dɔmmarima.

AKCB: 17AKCB

Wɔbɛsɛe mo nnɔbae ne mo nnuan,asɛe mo mmabarima ne mo mmabea;wɔbɛsɛe mo nguankuw ne mo anantwikuw,asɛe mo bobe ne mo mmrɔdɔma.Wɔde afoa bɛsɛenkuropɔn a ɛwɔ bammɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.

AKCB: 18AKCB

“Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora.

AKCB: 19AKCB

Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’

AKCB: 20AKCB

“Monka eyi nkyerɛ Yakobfina mo mpae mu nka wɔ Yuda se:

AKCB: 21AKCB

Muntie, mo nkwaseafo ne nnipa a munni adwene,mowɔ ani nso munhu ade,na mowɔ aso nso monte asɛm:

AKCB: 22AKCB

Ɛnsɛ sɛ musuro me ana?” Sɛɛ na Awurade se.“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim ana?Mede nwea ato ɔhye ama po,ɔhye a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;ebehuru so nanso ɛrentumi ntra.

AKCB: 23AKCB

Nanso saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuatew koma;wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ.

AKCB: 24AKCB

Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho wɔn ho se,‘Momma yensuro Awurade yɛn Nyankopɔn,a ɔma osu tɔ wɔ ne mmere mu,nea ɔma yɛn awerehyɛmu wɔ otwabere nnapɛn a wahyɛ no ho.’

AKCB: 25AKCB

Mo amumɔyɛ abɔ eyinom agu;mo bɔne ama ade pa abɔ mo.

AKCB: 26AKCB

“Amumɔyɛfo bi wɔ me nkurɔfo yi mua wɔtɛw sɛ nnipa a wosum nnomaa afiri,na wɔte sɛ wɔn a wosum mfiri yi nnipa.

AKCB: 27AKCB

Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma nosaa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama;wɔayeyɛ adefo anyinya tumi,

AKCB: 28AKCB

na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana.Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei;wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem,na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban.

AKCB: 29AKCB

Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?”Sɛɛ na Awurade se.“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

AKCB: 30AKCB

“Ade a ɛyɛ hu ne ahodwiriwasi wɔ asase no so:

AKCB: 31AKCB

Adiyifo no hyɛ akɔntoro,asɔfo no de wɔn dibea di tumi,na me nkurɔfo no pɛ no saa ara.Nanso awiei no dɛn na wobɛyɛ?”