Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!Munguan mfi Yerusalem!Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa!Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam,ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.

AKCB: 2AKCB

Mɛsɛe Ɔbabea Sion,ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.

AKCB: 3AKCB

Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no;wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”

AKCB: 4AKCB

“Munsiesie mo ho ne no nkɔko!Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae!Nanso hwɛ, onwini redwo,na anwummere sunsuma reware.

AKCB: 5AKCB

Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwona yɛnsɛe nʼaban ahorow!”

AKCB: 6AKCB

Nea Asafo Awurade se ni:“Muntwitwa nnua no ngu famna muntwa Yerusalem ho dantaban.Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;nhyɛso ahyɛ no ma.

AKCB: 7AKCB

Sɛnea abura puw ne nsu no,saa ara na opuw nʼamumɔyɛ.Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu;ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.

AKCB: 8AKCB

Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem,anyɛ saa metwe me ho afi wo hona mama wʼasase ada mpana obiara ntumi ntena so.”

AKCB: 9AKCB

Nea Asafo Awurade se ni:“Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiyesɛnea woyiyi bobe mu yiye no;fa wo nsa fa mman no so bio,sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”

AKCB: 10AKCB

Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?Hena na obetie me?Wɔn aso asisiwenti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn,na wɔn ani nnye ho.

AKCB: 11AKCB

Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma,na mintumi nkora so.“Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten sone mmerante a wɔahyia;ɛbɛka okunu ne ɔyere,mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.

AKCB: 12AKCB

Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo,wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho;sɛ meteɛ me nsawɔ wɔn a wɔte asase no so a,”sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 13AKCB

“Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;adiyifo ne asɔfo te saa,wɔn nyinaa yɛ asisifo.

AKCB: 14AKCB

Wɔtoto me nkurɔfo apirakurute sɛnea ɛnyɛ hu.Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.

AKCB: 15AKCB

Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;wonnim fɛre mpo.Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,”sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 16AKCB

Eyi ne nea Awurade se,“Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;mummisa tete akwan no,mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,na mubenya home ama mo akra.Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’

AKCB: 17AKCB

Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se,‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’

AKCB: 18AKCB

Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman;mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ,monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.

AKCB: 19AKCB

Tie, wo asase:Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,wɔn nneyɛe so aba,efisɛ wɔantie me nsɛmna wɔapo me mmara.

AKCB: 20AKCB

Nnuhuam a efi Sebaanaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?Minnye wo hyew afɔre no nto mu,wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”

AKCB: 21AKCB

Ɛno nti, nea Awurade se ni:“Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim.Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so;yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”

AKCB: 22AKCB

Sɛnea Awurade se ni:“Monhwɛ, nsraadɔm bi reba,wofi atifi fam asase so;wɔrehwanyan wɔnafi nsase ano.

AKCB: 23AKCB

Wokurakura bɛmma ne mpeaw;wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye.Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”

AKCB: 24AKCB

Yɛate wɔn ho nsɛm,na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu.Awerɛhow akyekyere yɛnyɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.

AKCB: 25AKCB

Mfi adi nkɔ wuramna nnantew akwan no so,efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa,na baabiara ayɛ hu.

AKCB: 26AKCB

Me nkurɔfo, mumfura atweaatamna mommunummunum wɔ nsõ mu,momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhowsɛnea wosu ma ɔbabarima koro,efisɛ ɔsɛefo nobɛba yɛn so mpofirim.

AKCB: 27AKCB

“Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛna me nkurɔfo dadeben,a wobɛhwɛna woasɔ wɔn akwan ahwɛ.

AKCB: 28AKCB

Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den,wɔnenam di nseku.Wɔyɛ kɔbere ne dade;wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.

AKCB: 29AKCB

Afa no bɔ mframa dennende ogya nan sumpii no,nanso ɔnan no yɛ ɔkwa.Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.

AKCB: 30AKCB

Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,efisɛ Awurade apo wɔn.”