Scripture
Odiyifo Yeremia Nhoma 4
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yeremia Nhoma 4 Bible text
“Sɛ wo, Israel, wobɛsan wʼakyi a,san bra me nkyɛn,”sɛɛ na Awurade se.“Sɛ wuyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwade fi mʼani sona sɛ woamman bio,
na sɛ wufi nokware, pɛpɛyɛ ne trenee muka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ aafei wobehyira aman nona ne mu na wobenya anuonyam.”
Eyi ne asɛm a, Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:“Munsiesie mo asase a womfuntum da,na munnnua wɔ nsɔe mu.
Muntwitwa mo ho twetia mma Awurademuntwitwa mo koma twetia,mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo,anyɛ saa a mʼabufuwhyew bɛsɔre na adɛw sɛ ogyamo bɔne a moayɛ nti,ɛbɛhyew a obiara rennum.”
“Bɔ nkae wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem se‘Hyɛn torobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’Teɛ mu dennen se:‘Mommoaboa mo ho ano!Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu!’
Momma frankaa so na monkɔ Sionmunguan nkɔbɔ mo ho aguaa!Efisɛ mede amanehunu fi atifi fam reba,ɔsɛe a ɛyɛ hu.”
Gyata bi afi ne tu mu;ɔbɔɔaman bi asi mu.Wafi ne tenabeasɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.Wo nkurow bebubuna ada mpan.
“Saa da no,” Awurade na ose,“ɔhene no ne adwumayɛfo no bɛbɔ hu,asɔfo no bo betu,na adiyifo no ho bedwiriw wɔn.”
Afei, mekae se, “Aa, Otumfo Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem, wokae se, ‘Mubenya asomdwoe,’ wɔ bere a afoa da yɛn mene mu.”
Saa bere no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem se, “Mframa a emu yɛ hyew bɛbɔ afi nkoko wosee a ɛwɔ nweatam so aba me nkurɔfo so, ɛnyɛ nea ɛpo ho anaa ehuhuw so;
Hwɛ! ɔreba sɛ omununkum,ne nteaseɛnam reba sɛ mfɛtɛ,nʼapɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre.Yennue! Yɛawu!
Yerusalem, yi bɔne fi wo koma mu na woanya nkwa.Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akosi da bɛn?
“Monka eyi nkyerɛ aman no,mommɔ no dawuru nkyerɛ Yerusalem se,‘Atuafo dɔm fi akyirikyiri asase bi so reba,wɔma ɔko nteɛmu so de tia Yuda nkuropɔn.
Ao, mʼahoyeraw, mʼahoyeraw!midi me mu yaw.Me koma mu yawdi!Me koma bɔ kitirikitiri wɔ me mu,mintumi nyɛ komm.Efisɛ, mate torobɛnto no nnyigye;mate ɔko frɛ no.
Amanehunu di amanehunu akyi;asase no nyinaa asɛe.Wɔasɛe me ntamadan prɛko pɛ,ne me hintabea mpofirim.
“Me nkurɔfo yɛ nkwaseafo;wonnim me.Wɔyɛ mma a wonni adwene;wɔnte hwee ase.Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;na wonnim sɛnea wɔyɛ papa.”
Mehwɛe, na nsasebere no adan nweatamna ne nkurow nyinaa asɛewɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuwhyew ano.
Enti asase bedi awerɛhowna ɔsorosoro beduru sum,efisɛ makasa na merentwe nsan;masi gyinae na merennan no.”
Apɔnkɔsotefo ne agyantowfo nnyigyeima kurow biara sofo guan.Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu,ebinom foro kɔ abotan mu.Nkurow no nyinaa so adeda mpan;na obiara nte so.
Dɛn na woreyɛ, wo a wɔasɛe wo?Adɛn na wufura ɔkɔbende sikakɔkɔɔ agude asiesie wo ho?Adɛn na wode nnuru keka wʼani?Wohyehyɛ wo ho kwa.Wʼadɔfo bu wo animtiaa;wɔrehwehwɛ wo akum wo.
Mete osu bi te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,apinisi te sɛ ɔbea a ɔrewo nʼabakan,Ɔbabea Sion resu te sɛ nea osi apini,ɔtrɛw ne nsa mu na ɔreka se,“Afei de meretɔ piti;wɔde me nkwa ama awudifo.”