Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Sɛ ɔbarima gyaa ne yerena ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana?Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?” Awurade na ose.

AKCB: 2AKCB

“Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana?Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so.Woagu asase no ho fi,wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.

AKCB: 3AKCB

Enti wɔatwe obosu asan,na asusowbere su antɔ.Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;wʼani nwu hwee.

AKCB: 4AKCB

Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,

AKCB: 5AKCB

wo bo befuw biribiara ana?Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’Sɛɛ na wokasa,nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi.”

AKCB: 6AKCB

Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware wɔ hɔ.

AKCB: 7AKCB

Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui.

AKCB: 8AKCB

Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu sɛ ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra.

AKCB: 9AKCB

Esiane sɛ Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman.

AKCB: 10AKCB

Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ,” sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 11AKCB

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no.

AKCB: 12AKCB

Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:“ ‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se,‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se,‘Me bo remfuw afebɔɔ.

AKCB: 13AKCB

Gye wo afɔdi to mu,woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua,woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyamewɔ dua biara a adennan ase,na woanyɛ osetie amma me,’ ”sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 14AKCB

“Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion.

AKCB: 15AKCB

Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan.

AKCB: 16AKCB

Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ose, “nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso.

AKCB: 17AKCB

Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio.

AKCB: 18AKCB

Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapade no so.

AKCB: 19AKCB

“Mʼankasa mekae se,‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mmana mama mo asase a eye,agyapade a edi mu ma ɔman biara.’Misusuwii sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’na monnan mo ho mfi mʼakyi.

AKCB: 20AKCB

Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no,saa ara na moanni me nokware, Israelfi,”sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 21AKCB

Wɔte osu bi wɔ nkoko no so,ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ,efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwanna wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.

AKCB: 22AKCB

“Monsan mmra, ɔyera mma;mɛsa mo akyirisan yare no.”“Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn,efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.

AKCB: 23AKCB

Ampa, ahoni huuyɛ wɔ nkokone mmepɔw so no yɛ nnaadaa;nokware Awurade yɛn Nyankopɔn muna Israel nkwagye wɔ.

AKCB: 24AKCB

Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adiyɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,wɔn nguankuw ne anantwi,wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.

AKCB: 25AKCB

Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda famna yɛn ahohora nkata yɛn so.Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn,yɛn ne yɛn agyanom;efi yɛn mmofraase besi nnɛyɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no.”