Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade asɛm baa me so:

AKCB: 2AKCB

“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:“ ‘Mekae sɛnea wode wo ho maa me wo mmabun bere mu,sɛnea wodɔɔ me wɔ wʼayeforo bere muna wudii mʼakyi wɔ sare so,asase a wonnuaa hwee wɔ so no.

AKCB: 3AKCB

Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,ne twabere mu aduankan;wɔn a wodii nʼani no wobuu wɔn fɔ,na amanehunu baa wɔn so,’ ”sɛnea Awurade, se ni.

AKCB: 4AKCB

Muntie Awurade asɛm, mo Yakob asefo,mo Israel mmusuakuw nyinaa.

AKCB: 5AKCB

Eyi ne nea Awurade se:“Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho aɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ?Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi,maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.

AKCB: 6AKCB

Wɔammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?Nea oyii yɛn fii Misraimna ɔde yɛn faa sare wosee so,nweatam ne abonabon asasea awo na ayɛ owubon no.Asase a obiara mfa so na obiara nte so no.’

AKCB: 7AKCB

Mede mo beduaa asasebere sosɛ munni so nnuaba ne ɛso nnepa.Nanso mubeguu mʼasase ho fi,na moyɛɛ mʼagyapade akyiwade.

AKCB: 8AKCB

Asɔfo no ammisa se,‘Ɛhe na Awurade wɔ?’Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;ntuanofo sɔre tiaa me.Adiyifo no de Baal hyɛɛ nkɔm,na wodii ahoni huhuw akyi.

AKCB: 9AKCB

“Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,”nea Awurade se ni.“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

AKCB: 10AKCB

Muntwa nkɔ Kitim mpoano nkɔhwɛ,monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yiye;monhwɛ sɛ biribi a ɛte sɛɛ asi wɔ hɔ:

AKCB: 11AKCB

Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn ana?Nso wɔnnyɛ anyame mpo.Nanso me nkurɔfo de wɔn anuonyamasesa ahoni huhuw.

AKCB: 12AKCB

Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho,na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,”nea Awurade se ni.

AKCB: 13AKCB

“Me nkurɔfo ayɛ bɔne ahorow abien:Wɔapa me,me a meyɛ nkwa asubura no,na wɔatutu wɔn ankasa mmura amoa,mmura a apaapae a entumi nkora nsu.

AKCB: 14AKCB

Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana?Adɛn nti na wayɛ asade yi?

AKCB: 15AKCB

Gyata abobɔ mu;wɔaworo so akyerɛ no.Wɔama nʼasase ada mpan;wɔahyehyew ne nkurow ayɛ no amamfo.

AKCB: 16AKCB

Afei Memfis ne Tapanhes mmarimaayi wo ti so nwi.

AKCB: 17AKCB

Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo sosɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi,wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?

AKCB: 18AKCB

Afei adɛn nti na wokɔ Misraimkɔnom Sihor mu nsu?Na adɛn nti na wokɔ Asiriakɔnom Asubɔnten no mu nsu?

AKCB: 19AKCB

Wo amumɔyɛ bɛtwe wʼaso;wo nsanakyi bɛka wʼanim.Enti dwene ho na hu sɛ,sɛ wopa Awurade wo Nyankopɔn akyina woannya ne ho suro a,ɛyɛ bɔne ne ɔyaw ma wo.”Awurade, Asafo Awurade na ose.

AKCB: 20AKCB

“Tete mmere no, wububuu wo konnua mu,na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;na wokae se, ‘Merensom wo!’Ampa, wɔ koko biara sone dua biara a adennan asena wotena bɔɔ aguaman.

AKCB: 21AKCB

Miduaa wo sɛ bobe ankasaa efi bobe a ase ye pa ara mu.Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ mebɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?

AKCB: 22AKCB

Sɛ wode sodane samina bebree guare mpo a,wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,”sɛnea Otumfo Awurade se ni.

AKCB: 23AKCB

“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ;minnii Baalnom akyi ɛ’?Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu;dwene nea woayɛ no ho.Woyɛ yomabere hoɔharefoa wutu mmirika kɔ ha ba ha,

AKCB: 24AKCB

wura mu afurum a nweatam so tena akokwaw no,ohuahua bere a ɔpɛ sɛ onini hyia no.Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hena na obesianka no?Anini biara a wɔtaa no no nhaw wɔn ho bebree;edu bere a ɛsɛ sɛ wohyia no a wobenya no.

AKCB: 25AKCB

Ntu mmirika nkosi sɛ wʼanan ase bɛyɛ kwaterekwa,na wo mene mu bɛyow.Nanso wokae se, ‘So nni mfaso!Mepɛ ananafo anyame,na ɛsɛ sɛ midi wɔn akyi.’

AKCB: 26AKCB

“Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a wogu nʼanim ase no,saa na wɔagu Israelfi anim ase,wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfo,wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.

AKCB: 27AKCB

Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’Wɔadan wɔn akyi akyerɛ mena ɛnyɛ wɔn anim;nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se,‘Bra begye yɛn!’

AKCB: 28AKCB

Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?Momma wɔmmra sɛ wobetumi agye mobere a mowɔ amanehunu mu!Efisɛ mowɔ anyame bebreete sɛ nea mowɔ nkurow bebree no, Yuda.

AKCB: 29AKCB

“Adɛn nti na mobɔ me sobo?Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ose.

AKCB: 30AKCB

“Metwee mo nkurɔfo aso kwa;wɔamfa me nteɛso.Wʼafoa akunkum wʼadiyifote sɛ gyata a nʼani abere.

AKCB: 31AKCB

“Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho:“Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana?Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana?Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin;yɛremma wo nkyɛn bio.’

AKCB: 32AKCB

Ɔbabun werɛ fi ne mpempranne,ayeforo werɛ befi nʼahyehyɛde ana?Nanso me nkurɔfo werɛ afi menna a wontumi nkan.

AKCB: 33AKCB

Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfo!Mmea a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

AKCB: 34AKCB

Mo adurade mu wɔahiafo a wodi bem mogya,nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu.Eyinom nyinaa akyi

AKCB: 35AKCB

woka se, ‘Midi bem;ne bo mfuw me.’Nanso mebu wo atɛnefisɛ woka se, ‘Menyɛɛ bɔne biara ɛ.’

AKCB: 36AKCB

Adɛn nti na wukyinkyin sɛɛ,sesa wʼakwan?Misraim bedi wo huammɔsɛnea Asiria yɛe no.

AKCB: 37AKCB

Afei wubefi saa beae hɔa wo nsa gu wo ti so.Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;wɔremmoa wo.