Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nsɛm a efi Yeremia nkyɛn ni. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfo no mu baako wɔ Benyamin asase so.

AKCB: 2AKCB

Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda hene Amon babarima adedi afe a ɛto so dumiɛnsa no mu.

AKCB: 3AKCB

Ɛtoaa so wɔ Yuda hene Yosia babarima Yehoiakim bere so, kosii Yuda hene Yosia babarima Sedekia bere so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedi no afe a ɛto so dubaako no ɔsram a ɛto so anum no mu.

AKCB: 4AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se,

AKCB: 5AKCB

“Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo;ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn;meyɛɛ wo odiyifo maa aman no.”

AKCB: 6AKCB

Mekae se, “Aa, Otumfo Awurade minnim kasa; meyɛ abofra.”

AKCB: 7AKCB

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no.

AKCB: 8AKCB

Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.

AKCB: 9AKCB

Na Awurade teɛɛ ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me se, “Mprempren mede me nsɛm ahyɛ wʼanom.

AKCB: 10AKCB

Hwɛ, nnɛ, mede wo asi aman ne ahenni so sɛ, tutu na dwiriw gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”

AKCB: 11AKCB

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Dɛn na wuhu yi, Yeremia?”Na mibuae se, “Mihu ɔsonkoran dubaa.”

AKCB: 12AKCB

Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wahu no yiye, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”

AKCB: 13AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se, “Dɛn na wuhu yi?”Mibuae se, “Mihu kuku a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn fi atifi fam.”

AKCB: 14AKCB

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wobefi atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so.

AKCB: 15AKCB

Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni.“Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛbaabesisi Yerusalem kuropɔn apon ano;wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyiane Yuda nkurow nyinaa so.

AKCB: 16AKCB

Mebu me nkurɔfo atɛnwɔ wɔn amumɔyɛ sɛ wɔagyaw me,sɛ wɔhyew nnuhuam ma anyame afoforona wɔkotow sɔre nea wɔde wɔn nsa ayɛ.

AKCB: 17AKCB

“Siesie wo ho! Sɔre na ka nea mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.

AKCB: 18AKCB

Nnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, dadedum ne kɔbere fasu sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfo, asɔfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so.

AKCB: 19AKCB

Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.