Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ni:

AKCB: 2AKCB

“Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem.

AKCB: 3AKCB

Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so,

AKCB: 4AKCB

nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn.

AKCB: 5AKCB

Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.”Mibuae se, “Amen, Awurade.”

AKCB: 6AKCB

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so.

AKCB: 7AKCB

Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.”

AKCB: 8AKCB

Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ ”

AKCB: 9AKCB

Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam.

AKCB: 10AKCB

Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.

AKCB: 11AKCB

Ɛno nti nea Awurade se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so.

AKCB: 12AKCB

Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa.

AKCB: 13AKCB

Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’

AKCB: 14AKCB

“Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.

AKCB: 15AKCB

“Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mubere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm ana wʼani agye.”

AKCB: 16AKCB

Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔma ɛsow aba a ɛyɛ fɛ.Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmubɛto mu gya,na ne mman bebubu.

AKCB: 17AKCB

Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal.

AKCB: 18AKCB

Esiane sɛ Awurade yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me.

AKCB: 19AKCB

Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ,“Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;momma yentwa no mfi ateasefo asase so,sɛnea wɔnnkae ne din bio.”

AKCB: 20AKCB

Nanso wo, Asafo Awurade, wo a wubu atɛntreneena wosɔ koma ne adwene hwɛ,ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

AKCB: 21AKCB

Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,”

AKCB: 22AKCB

Ɛno nti, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea.

AKCB: 23AKCB

Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔ wɔn asotwe afe mu.”